-
Hesekiel 36:10, 11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Mɛma mo nkurɔfoɔ, Israel fie nyinaa adɔɔso, na nnipa bɛtenatena nkuro no mu,+ na wɔbɛsan akyekyere nkuro a adane amamfo no.+ 11 Aane, mɛma mo nkurɔfoɔ ne mo nyɛmmoa adɔɔso+ ayɛ bebree, na mɛma nnipa abɛtena mo nkuro mu sɛdeɛ berɛ bi na ɛteɛ no,+ na mɛma no asi mo yie asene kane no.+ Na mobɛhu sɛ mene Yehowa.+
-