17 “Edom bɛdane biribi a ɛyɛ hu,+ na obiara a ɔbɛtwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ no, na wadi ne ho fɛ, mmusuo a ɛbɛba ne so no nyinaa nti. 18 Sɛdeɛ wɔbutuu Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro no,”+ Yehowa asɛm nie, “saa ara na obiara rentena Edom, na onipa biara rensoɛ hɔ.+