Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Hesekiel 25:12, 13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Edom tuaa Yuda fie so ka, na wɔnam so yɛɛ bɔne kɛseɛ tiaa wɔn;+ 13 ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me nso mɛtene me nsa wɔ Edom so, na mɛtwa nnipa ne nyɛmmoa afiri asaase no so, na mama no ada mpan.+ Ɛfiri Teman kɔsi Dedan nyinaa, wɔbɛwuwu sekan ano.+

  • Hesekiel 35:10, 11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 “Ɛmfa ho sɛ Yehowa no ara ka aman mmienu no ho no, wokaa sɛ, ‘Saa aman mmienu ne nsaase mmienu yi bɛyɛ me dea, na yɛbɛfa ne nyinaa.’+ 11 Enti, Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mete ase yi, sɛdeɛ ɔtan nti wo bo fuu wɔn na w’ani beree wɔn no,+ me nso me ne wo bɛdi no saa ara; na sɛ mebu wo atɛn a, mɛma nkurɔfoɔ no ahu sɛ ɛyɛ me.

  • Amos 1:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Deɛ Yehowa aka nie,

      ‘Edom bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,

      Ɛfiri sɛ ɔde sekan dii ɔno ara ne nua akyi,+

      Na wanhu no mmɔbɔ.

      Ɔde abufuo tetee wɔn mu daa,

      Na ne bo fuu wɔn dendeenden berɛ nyinaa.+

  • Obadia 12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Wo nua amanehunu da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ w’ani gye;+

      Yudafoɔ sɛe da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ wodi ahurisie;+

      Na wɔn ahohia da nso, ɛnsɛ sɛ anka wohoahoa wo ho.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane