Hesekiel 1:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Mehuu biribi a ayɛ sɛ ateasefoɔ*+ baanan wɔ mfimfini. Wɔn mu biara te sɛ onipa. Hesekiel 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Sɛdeɛ wɔn baanan no anim teɛ nie: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, na ɔwɔ gyata anim+ wɔ nifa, na ɔsan wɔ nantwie anim+ wɔ benkum, na baanan no mu biara wɔ ɔkɔdeɛ anim+ nso. Adiyisɛm 4:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ná ɔteasefoɔ a ɔdi kan no te sɛ gyata,+ na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwinini,+ na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa+ no anim te sɛ onipa anim, ɛnna ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan+ no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔnam wiem.+
10 Sɛdeɛ wɔn baanan no anim teɛ nie: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, na ɔwɔ gyata anim+ wɔ nifa, na ɔsan wɔ nantwie anim+ wɔ benkum, na baanan no mu biara wɔ ɔkɔdeɛ anim+ nso.
7 Ná ɔteasefoɔ a ɔdi kan no te sɛ gyata,+ na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwinini,+ na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa+ no anim te sɛ onipa anim, ɛnna ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan+ no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔnam wiem.+