-
1 Ahemfo 6:31-35Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
31 Na pia mu pia kwan no, ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apono, n’adum a ɛwowɔ nkyɛnkyɛn ne n’aponnwa, abupɛn nnum mu baako.* 32 Ɔde nku dua na ɛyɛɛ n’apono mmienu no, na ɔyeyɛɛ kerubim, mmɛdua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho; ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ no guu kerubim ne mmɛdua no ho. 33 Asɔredan* no kwan no, saa ara na ɔde nku dua yɛɛ n’aponnwa no, abupɛn nnan mu baako.* 34 Ɔde papao nnua yɛɛ apono mmienu. Ɛpono baako bɔ ho mmienu, na adeɛ hyɛ mu a ɛma wotumi bu to so, na ɛpono a aka no nso bɔ ho mmienu, na adeɛ hyɛ mu a ɛma wotumi bu to so.+ 35 Ɔyeyɛɛ kerubim, mmɛdua, ne nhwiren wɔ ho, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.
-