Hesekiel 1:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Berɛ a metee wɔn ntaban nnyegyeeɛ no, na ɛte sɛ nsuo pii a ɛreworo so; ɛte sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nnyegyeeɛ.+ Sɛ wɔnam a, mete wɔn nka te sɛ asraafoɔdɔm kɛseɛ nnyegyeeɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu gu wɔn ho. Yohane 12:28, 29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Agya, hyɛ wo din animuonyam.” Ɛnna nne+ bi firi soro baa sɛ: “Mahyɛ no animuonyam, na mɛsan ahyɛ no animuonyam bio.”+ 29 Nnipadɔm a wɔgyina hɔ no tee, na wɔfirii aseɛ kaa sɛ aprannaa abom. Ebinom nso kaa sɛ: “Ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no.”
24 Berɛ a metee wɔn ntaban nnyegyeeɛ no, na ɛte sɛ nsuo pii a ɛreworo so; ɛte sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nnyegyeeɛ.+ Sɛ wɔnam a, mete wɔn nka te sɛ asraafoɔdɔm kɛseɛ nnyegyeeɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu gu wɔn ho.
28 Agya, hyɛ wo din animuonyam.” Ɛnna nne+ bi firi soro baa sɛ: “Mahyɛ no animuonyam, na mɛsan ahyɛ no animuonyam bio.”+ 29 Nnipadɔm a wɔgyina hɔ no tee, na wɔfirii aseɛ kaa sɛ aprannaa abom. Ebinom nso kaa sɛ: “Ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no.”