32Berɛ a nkurɔfoɔ no huu sɛ Mose akyɛ wɔ bepɔ no so no,+ wɔsoaa wɔn ho kɔɔ Aaron nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre yɛ onyame ma yɛn na ɔnni yɛn anim,+ ɛfiri sɛ ɔbarima Mose yi a ɔdii yɛn anim firii Egypt asaase so no deɛ, yɛnnim deɛ ato no.”
4 Ɛnna ɔgye firii wɔn hɔ, na ɔnane de dadeɛ a wɔde di adwini yɛɛ ho adwuma maa no yɛɛ nantwie ba honi.*+ Afei wɔkaa sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asaase so.”+
25Berɛ a Israelfoɔ te Sitim+ no, wɔfirii aseɛ ne Moab mmabaawa bɔɔ adwaman.+2 Sɛ wɔrebɔ afɔreɛ ama wɔn anyame a, na mmaa no frɛfrɛ Israelfoɔ no kɔ aseɛ,+ enti Israelfoɔ no firii aseɛ didii na wɔsom wɔn anyame no.+
42 Enti Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho, na ɔgyaa wɔn maa wɔsom ɔsoro asafo,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Adiyifoɔ no nwoma mu no. Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ: ‘O Israel fie, ɛnyɛ me na mode akyɛdeɛ brɛɛ me na mobɔɔ afɔreɛ maa me wɔ serɛ so mfeɛ 40 no.