32 Israel hene Remalia ba Peka ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Yuda hene Usia+ ba Yotam+ bɛdii hene. 33 Ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii hene mfeɛ 16 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa, na na ɔyɛ Sadok babaa.+ 34 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Usia yɛeɛ no.+