31 Ɛdefa owusɔreɛ ho no, monkenkanee deɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo no? Ɔkaa sɛ: 32 ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ.”+33 Berɛ a nnipadɔm no tee saa no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn nwanwa.+
26 Na ɛdefa awufoɔ a wɔbɛnyane wɔn ho no, monkenkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa nwura* ho no? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+27 Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ. Modi mfomsoɔ pii.”+