19 Me nso mommɔ mpaeɛ mma me, na sɛ mebue m’ano a, matumi aka nsɛm a ɛfata, na mede ahotɔsoɔ aka ahintasɛm kronkron a ɛfa asɛmpa no ho akyerɛ nkurɔfoɔ;+20 saa asɛmpa yi, meyɛ ho nanmusini*+ a meda afiase. Mepɛ sɛ metumi de akokoɔduro ka ho asɛm sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no.
7 Moda m’akoma so, enti sɛ menya saa adwene yi wɔ mo nyinaa ho a, ɛyɛ ne kwan so, ɛfiri sɛ me nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,+ ne asɛmpa no a mebɔ ho ban mmara kwan so+ no nyinaa mu no, motaa m’akyi, enti me ne mo nyinaa anya adom no mu kyɛfa.