Dwom
Ayeyi dwom a wɔto no Homeda.
Na yɛato ayeyi dwom* ama wo din, O Ɔsorosoroni;
2 Ɛyɛ sɛ yɛbɛka wo dɔ a ɛnni hwammɔ+ no ho asɛm anɔpa,
Na yɛaka wo nokorɛdie ho asɛm anadwo,
3 Na yɛabɔ sankuo a ɛwɔ nhoma du ne sankuwa,
Ne dwom dɛdɛ wɔ sankuten so.+
4 O Yehowa, wo na woma medi ahurisie wɔ wo nnwuma ho;
Wo nsa ano adwuma nti, meto ahurisi dwom.
5 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo nnwuma yɛ akɛseɛ!+
Hwɛ sɛdeɛ w’adwene mu dɔ fa!+
7 Sɛ nnebɔneyɛfoɔ fifi sɛ wura,*
Na sɛ amumuyɛfoɔ nyinaa yɛ frɔmfrɔm a,
Ɛyɛ ɔsɛeɛ korakora a ɛbɛba wɔn so ntira.+
8 Nanso wo, Yehowa deɛ, woyɛ Opumpuni daa.
9 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ w’atamfo bɛdi nkoguo,
Hwɛ sɛdeɛ w’atamfo bɛyera;
Wobɛbɔ amumuyɛfoɔ nyinaa ahwete.+
14 Sɛ wɔnyini* mpo a, wɔbɛso aba,+
Na wɔbɛkɔ so anya ahoɔden* na wɔayɛ kama,+
15 Na wɔbɛka sɛ Yehowa tene.
Ɔno ne me Botan,+ na deɛ ɛntene biara nni ne mu.