Dawid ayeyi dwom.
א [Aleph]
145 O me Nyankopɔn ne me hene, mɛkamfo wo;+
Mɛyi wo din ayɛ daa daa.+
ב [Beth]
2 Mɛyi wo ayɛ daa nyinaa;+
Mɛyi wo din ayɛ daa daa.+
ג [Gimel]
3 Yehowa yɛ kɛseɛ na ɔfata ayeyie paa;+
Yɛrentumi nhwehwɛ ne kɛseyɛ mu nwie.+
ד [Daleth]
4 Awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛkamfo wo nnwuma,
Na wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.+
ה [He]
5 Wɔbɛka w’animuonyam ne wo kɛseyɛ ho asɛm,+
Na mɛdwendwene w’anwanwadwuma ho.
ו [Waw]
6 Wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ no ho asɛm,
Na me nso mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm.
ז [Zayin]
7 Wɔkae wo papayɛ bebrebe no a, wɔbɛka ho asɛm pii,+
Na wo tenenee nti wɔbɛbɔ ose.+
ח [Heth]
8 Yehowa wɔ ayamhyehyeɛ ne mmɔborɔhunu,+
Ne bo mfu ntɛm, na ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano.+
ט [Teth]
9 Yehowa da ne papayɛ adi kyerɛ obiara,+
Na ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu.
י [Yod]
10 O Yehowa, wo nnwuma nyinaa bɛhyɛ wo animuonyam,+
Na w’anokwafoɔ bɛyi wo ayɛ.+
כ [Kaph]
11 Wo tumidie a ɛho wɔ nyam no, wɔbɛbɔ no dawuro,+
Na wɔaka wo kɛseyɛ nso ho asɛm+
ל [Lamed]
12 Ama nnipa ahu wo nnwuma akɛseɛ,+
W’animuonyam, ne wo tumidie.+
מ [Mem]
13 Wo tumidie yɛ daa tumidie,
Na awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu wodi hene.+
ס [Samekh]
14 Wɔn a wɔrehwe ase nyinaa Yehowa sɔ wɔn mu,+
Na ɔma wɔn a wɔahodwo nyinaa so gyina hɔ.+
ע [Ayin]
15 Wo na obiara ani da wo so,
Na woma wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu.+
פ [Pe]
16 Wobue wo nsam
Na woma ɔteasefoɔ biara nya deɛ ɔhia nyinaa.+
צ [Tsade]
17 Yehowa yɛ ɔteneneeni wɔ n’akwan nyinaa mu,+
Na ɔdi nokorɛ wɔ biribiara a ɔyɛ mu.+
ק [Qoph]
18 Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa;+
Ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no nokorɛdie mu nyinaa.+
ר [Resh]
19 Ɔma wɔn a wɔsuro no nya deɛ wɔhia nyinaa;+
Ɔtie wɔn sufrɛ, na ɔgye wɔn.+
ש [Shin]
20 Yehowa wɛn wɔn a wɔdɔ no nyinaa,+
Na nnebɔneyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.+
ת [Taw]
21 Mede m’ano bɛyi Yehowa ayɛ.+
Ma ateasefoɔ nyinaa nyi ne din kronkron no ayɛ daa daa.+