Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Tesalonikafoɔ
1 Me Paul, me ne Silwano,* ne Timoteo,+ yɛde krataa yi rekɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɛwɔ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu no:
2 Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.
3 Anuanom, yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ mo nti yɛda Onyankopɔn ase daa. Wei fata, ɛfiri sɛ mo gyidie reyɛ kɛse paa,* na ɔdɔ a mo mu biara wɔ ma ne yɔnko no reyɛ kɛse.+ 4 Ɛno nti, yɛde mo hoahoa yɛn ho+ wɔ Onyankopɔn asafo ahodoɔ no mu, ɛfiri sɛ tan a nkurɔfoɔ retan mo ani, ne amanehunu* a morehyia nyinaa, mode animia gyina mu, na moda gyidie adi.+ 5 Wei yɛ Onyankopɔn atemmuo a ɛtene ho adanseɛ, na ɛma wɔbu mo sɛ mofata sɛ mokɔ Onyankopɔn Ahennie a ɛno nti morehunu amane no mu.+
6 Deɛ enti a wei te saa ne sɛ, ɛtene wɔ Onyankopɔn ani so sɛ ɔde amanehunu bɛtua wɔn a wɔma mohunu amane no ka.+ 7 Na mo a mohunu amane no deɛ, mo ne yɛn nyinaa bɛnya home berɛ a wɔada Awurade Yesu adi+ afiri soro a n’abɔfoɔ a wɔwɔ tumi ka ne ho+ 8 wɔ ogyaframa mu no, berɛ a ɔde asotwe* bɛba wɔn a wɔnnim Onyankopɔn ne wɔn a wɔntie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so no.+ 9 Wɔn a wɔte saa no, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ+ de atwe wɔn aso, na wɔbɛyi wɔn afiri Awurade anim, na ɔremfa ne tumi kɛseɛ no mmoa wɔn bio.* 10 Berɛ a Awurade bɛba no, wɔbɛhyɛ ɔne n’akronkronfoɔ animuonyam, na da no, ne ho bɛyɛ wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa nwanwa, ɛfiri sɛ mogyee adanseɛ a yɛdiiɛ no toom.
11 Ɛno nti, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mofata ne frɛ+ no, na ɔmfa ne tumi nyɛ adepa a ɛsɔ n’ani nyinaa ne gyidie adwuma biara. 12 Ɛno bɛma wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu, na wɔahyɛ mo nso animuonyam wɔ ne mu, sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom teɛ no.