Mika
7 Asɛm ato me! Mayɛ sɛ obi a
Watete ahuhuro berɛ mu nnuaba,
Na wasesa bobe ase nkaeɛ,
Nanso mennya bobe a mɛdie,
Na borɔdɔma a ɛdi kan a me* kɔn dɔ mpo abɔ me.
Wɔn nyinaa tetɛ sɛ wɔbɛhwie mogya agu.+
Obiara kura asau a ɔrehwehwɛ ne nua ayi no.
4 Wɔn mu nipa a ɔyɛ paa no te sɛ nkasɛɛ,
Nkasɛɛ a wɔde agye ban mpo, ɛyɛ sene wɔn mu deɛ ɔtene paa.
Ɛda a w’awɛmfoɔ kaa ho asɛm ne berɛ a wobɛbu akonta no bɛba.+
Afei wɔn ho bɛpopo.+
Deɛ ɔda wo kokom mpo, hwɛ w’ano yie wɔ ne ho.
6 Ɛfiri sɛ ɔbabarima bu ne papa animtia,
Ɔbabaa sɔre tia ne maame,+
Na ɔbaa warefoɔ sɔre tia n’asebaa;+
Onipa fiefoɔ na wɔyɛ n’atamfo.+
7 Nanso me deɛ, Yehowa ara na mehwɛ no kwan.+
Mede ntoboaseɛ bɛtwɛn* me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.+
Me Nyankopɔn bɛtie me.+
8 Me tamfo,* nni me ho ahurisie.
Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre;
Mete sum mu deɛ, nanso Yehowa bɛyɛ me hann.
9 Mɛsoa Yehowa abufuo,
Ɛfiri sɛ mayɛ no bɔne.+
Mɛsoa akɔsi sɛ ɔbɛdi m’asɛm ama me na wabu atɛntenenee ama me.
Ɔde me bɛba hann mu,
Na mɛhunu ne tenenee.
10 Me tamfo no nso bɛhunu,
Na aniwuo pɔtɔɔ bɛka deɛ ɔbisaa me sɛ,
“Wo Nyankopɔn Yehowa no wɔ he?”+ no.
Mede m’ani bɛhwɛ no.
Afei wɔbɛtiatia ne so te sɛ kwan so atɛkyɛ.
12 Saa da no, wɔbɛba wo nkyɛn.
Wobɛfiri Asiria ne Egypt nkuro mu tɔnn na aba.
Ɛfiri Egypt kɔsi Asubɔnten no* ho tɔnn na wobɛfiri aba.
Ɛfiri ɛpo kɔsi ɛpo, ne bepɔ kɔsi bepɔ; wobɛfiri hɔ nyinaa aba.+
14 Fa wo poma yɛn wo man, wo nnwan a wɔyɛ w’agyapadeɛ no,+
Wɔn a na wɔn nko ara te kwaeɛ mu, wɔ turo mfimfini no.
Ma wɔnnidi wɔ Basan ne Gilead+ te sɛ tete mmerɛ no mu.
16 Aman bɛhunu, na wɔn ahoɔden nyinaa akyi, wɔn ani bɛwu.+
Wɔde wɔn nsa bɛto wɔn ano;
Wɔn aso bɛsi.
17 Wɔbɛtafere dɔteɛ te sɛ ɔwɔ;+
Wɔde ahopopoɔ bɛpue afiri wɔn abandenden mu aba te sɛ asaase so mmoa a wɔtwe wɔn ho ase.
Wɔde ehu bɛba Yehowa yɛn Nyankopɔn anim,
Na wɔbɛsuro wo.”+
18 Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ wo,
Deɛ ɔde mfomsoɔ kyɛ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ a aka no mmarato so?+
Ɔrenkura n’abufuo mu daa,
Ɛfiri sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ nkurɔfoɔ.+
19 Ɔbɛsan ahu yɛn mmɔbɔ;+ ɔbɛdi yɛn mfomsoɔ so nkonim.*
Wobɛto wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo ase tɔnn.+