Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mmebusɛm 27
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Mmebusɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

    • SOLOMON MMEBUSƐM A ƆHENE HESEKIA MMARIMA (25:1–29:27)

Mmebusɛm 27:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɛda bɛwo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 12:19, 20; Yak 4:13, 14

Mmebusɛm 27:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔhɔhoɔ.”

  • *

    Nt., “ɔnanani.”

  • *

    Anaa “w’anofafa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 25:27; Yer 9:23; 2Ko 10:18

Mmebusɛm 27:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 25:25

Mmebusɛm 27:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 37:9-11; Mme 14:30; Aso 17:5

Mmebusɛm 27:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:17; Mt 18:15

Mmebusɛm 27:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛyɛ nkontompo; ɛmfiri akomam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 12:7, 9; Dw 141:5; Adi 3:19

Mmebusɛm 27:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Ɔkra a wamee.”

  • *

    Nt., “ɔtiatia ɛwoɔkyɛm so.”

  • *

    Anaa “ɔkra a ɛkɔm de no.

Mmebusɛm 27:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wadwane afiri.”

Mmebusɛm 27:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Saa ara na afotuo a ɛfiri ɔkra mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 23:16; Mme 15:23; 16:24

Mmebusɛm 27:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 17:17; 18:24

Mmebusɛm 27:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “na m’akoma ani nnye.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 10:1; 23:15; 2Yo 4
  • +Hio 1:8, 9

Mmebusɛm 27:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Onitefoɔ.”

  • *

    Anaa “ɔnya ho asotwe.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 18:10; Yes 26:20; Heb 11:7

Mmebusɛm 27:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhɔhoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 20:16

Mmebusɛm 27:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “gyegyefoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 21:9, 19

Mmebusɛm 27:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 23:16; Heb 10:24, 25

Mmebusɛm 27:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔsom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 13:4
  • +Ge 39:2; Mme 17:2

Mmebusɛm 27:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Anaa “Sheol ne Abadon.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 30:15, 16

Mmebusɛm 27:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Saa ara na onipa nkamfoɔ na wɔde hu no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 17:3

Mmebusɛm 27:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Mmebusɛm 27:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Fa w’akoma si wo nnwan so; Ma w’ani nkɔ wo nnwan ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 3:23

Mmebusɛm 27:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahemmotire.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 23:4, 5; 1Ti 6:17

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Mmeb. 27:1Lu 12:19, 20; Yak 4:13, 14
Mmeb. 27:2Mme 25:27; Yer 9:23; 2Ko 10:18
Mmeb. 27:31Sa 25:25
Mmeb. 27:4Ge 37:9-11; Mme 14:30; Aso 17:5
Mmeb. 27:5Le 19:17; Mt 18:15
Mmeb. 27:62Sa 12:7, 9; Dw 141:5; Adi 3:19
Mmeb. 27:91Sa 23:16; Mme 15:23; 16:24
Mmeb. 27:10Mme 17:17; 18:24
Mmeb. 27:11Mme 10:1; 23:15; 2Yo 4
Mmeb. 27:11Hio 1:8, 9
Mmeb. 27:12Mme 18:10; Yes 26:20; Heb 11:7
Mmeb. 27:13Mme 20:16
Mmeb. 27:15Mme 21:9, 19
Mmeb. 27:171Sa 23:16; Heb 10:24, 25
Mmeb. 27:18Mme 13:4
Mmeb. 27:18Ge 39:2; Mme 17:2
Mmeb. 27:20Mme 30:15, 16
Mmeb. 27:21Mme 17:3
Mmeb. 27:23Kol 3:23
Mmeb. 27:24Mme 23:4, 5; 1Ti 6:17
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Mmebusɛm 27:1-27

Mmebusɛm

27 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,

Na wonnim deɛ ɛda biara de bɛba.*+

 2 Ma obi* nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ wo ankasa w’ano;

Ma nkurɔfoɔ* nyɛ, na ɛnyɛ wo ara w’ano.*+

 3 Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea nso mu yɛ duru,

Nanso kwasea agyegyesɛm mu yɛ duru sene ne mmienu nyinaa.+

 4 Abufuo yɛ atirimuɔden, na abufuhyeɛ te sɛ nsuyire,

Na ninkuntwe deɛ, hwan na ɔbɛtumi agyina ano?+

 5 Kasakyerɛ pefee yɛ sene ɔdɔ a ahinta.+

 6 Sɛ adamfoɔ pira wo a, ɛyɛ nokorɛdie ntira,+

Na ɔtamfo mfeano deɛ, ɛdɔɔso.*

 7 Obi a wamee* no, woma no ɛwoɔkyɛm a ɔrennye,*

Na deɛ ɛkɔm de no* deɛ, adeɛ a ɛyɛ nwono mpo yɛ no dɛ.

 8 Sɛdeɛ anomaa a wamane afiri* ne pirebuo ho teɛ no,

Saa ara na onipa a wamane afiri ne fie teɛ.

 9 Ngo ne aduhwam ma akoma di ahurisie,

Saa ara na adamfoɔ a ɔtu fo a ɔmfa biribiara nsie* no ma adamfofa yɛ dɛ.+

10 Nto w’adamfo anaa wo papa adamfo ntwene,

Na nkɔwura wo ara wo nua fie w’amanehunu da;

Ofipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirikyiri.+

11 Me ba, yɛ nyansafoɔ, na ma m’akoma ntɔ me yam,*+

Na manya asɛm abua deɛ ɔtwa me adapaa.+

12 Onyansafoɔ* hunu asiane, na ɔde ne ho sie,+

Na ogyimifoɔ deɛ, ɛno ara ne sɛ ɔrekɔ, na ɔtwa so aba.*

13 Sɛ ɔbarima di agyinamu ma ɔhɔhoɔ a, gye ne ntoma;

Sɛ ɔdii agyinamu maa ɔbaa hɔhoɔ* a, ɛnneɛ gye adeɛ a ɔde sii awowa no firi ne nsam.+

14 Sɛ obi de nne kɛseɛ hyira ne yɔnko anɔpatutuutu a,

Wɔbɛbu no sɛ nnome ama no.

15 Ɔyere a ɔpɛ ntɔkwa* no, ɔte sɛ ɛdan a ɛnwunu sutɔ da a ɛnnyae.+

16 Obiara a ɔbɛtumi adwodwo no no, ɔbɛtumi adwodwo mframa,

Na ɔbɛtumi de ne nsa nifa asɔ ngo mu.

17 Sɛdeɛ dadeɛ se dadeɛ ano no,

Saa ara na onipa nso se n’adamfo anim.+

18 Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no, ɔbɛdi n’aba,+

Na deɛ ɔhwɛ* ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.+

19 Sɛdeɛ obi hunu n’anim wɔ nsuo mu no,

Saa ara na onipa hunu n’akoma wɔ onipa foforɔ deɛ mu.

20 Adamena* ne ɔsɛeɛ amena* mmee da,+

Saa ara na onipa ani nso mmee da.

21 Kukuo a wɔnane adeɛ wom wɔ hɔ ma dwetɛ, ɛnna fononoo wɔ hɔ ma sika kɔkɔɔ;+

Saa ara na nkamfoɔ a onipa nya na wɔde sɔ no hwɛ.*

22 Sɛ wode wɔmma si kwasea

Te sɛ deɛ wɔsi hwiit* wɔ waduro mu mpo a,

Ne nkwaseasɛm no remfiri ne ho.

23 Ɛsɛ sɛ wohunu sɛdeɛ wo nnwan teɛ yie.

Hwɛ wo nnwan yie.*+

24 Na ahonyadeɛ rentena hɔ daa,+

Na ahenkyɛ* nso rentena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

25 Ɛserɛ mono kɔ, na ɛserɛ foforɔ fifi,

Na wɔboaboa mmepɔ so nhabamma ano.

26 Adwennini nkumaa ma wonya ntoma,

Na mpɔnkyenini ma wonya sika a wɔde tɔ asaase.

27 Wobɛnya mpɔnkye nufosuo pii anom,

Wo fiefoɔ bɛnya bi anom, na wo mmaawa nso bɛnom bi.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane