Dwom
2 O asaase Temmufoɔ, ma wo mu so,+
Deɛ ahantanfoɔ ayɛ no, tua wɔn so ka.+
4 Wɔworo nsɛm, na wɔdwa wɔn anom;
Amumuyɛfoɔ no nyinaa hoahoa wɔn ho.
6 Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ,
Na wɔkum agyanka nso.
9 Enti deɛ ɔyɛɛ aso* no, ɔnte asɛm anaa?
Na deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔnhunu adeɛ?+
10 Deɛ ɔtene aman so,+ na ɔma nnipa nya nimdeɛ no,
Ɔrentumi nka nkurɔfoɔ anim anaa?+
12 O Yah, anigyeɛ ne ɔbarima a wotene ne so,+
Ne deɛ wode wo mmara kyerɛkyerɛ no,+
13 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmusuo ba a, ne ho bɛdwo no
Kɔsi sɛ nnebɔneyɛfoɔ bɛtɔ amena mu.+
15 Atemmuo bɛsan asi tenenee kwan so,
Na akomam teefoɔ nyinaa bɛdi akyire.
16 Hwan na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfoɔ adi asie ama me?
Hwan na ɔbɛsɔre agyina na ɔne amumuyɛfoɔ ako ama me?
18 Berɛ a mekaa sɛ: “Mereyɛ ahwe ase” no,
O Yehowa, wo dɔ a ɛnni hwammɔ na ɛsɔɔ me mu.+
20 Ɛbɛyɛ dɛn na ahemfo* a adanmudeɛ* ahyɛ wɔn ma atumi ayɛ wo yɔnko,
Berɛ a wɔhyɛ mmara akyi de ɔhaw ba?+
23 Ɔbɛma wɔn amumuyɛsɛm adane aba wɔn so,+
Na wɔn ara mmusuo na ɔde bɛyi wɔn afiri hɔ.*