Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
17 Berɛ bi, Filistifoɔ+ boaboaa wɔn asraafoɔ* ano sɛ wɔrekɔ ɛko. Wɔboaboaa wɔn ano wɔ Soko,+ na na ɛhɔ yɛ Yudafoɔ asaase. Wɔkɔsoɛɛ wɔ Efes-Damim+ a ɛwɔ Soko ne Aseka+ ntam no. 2 Saul ne Israel mmarima nso kɔsoɛɛ Ela Bɔn mu,*+ na wɔboaa wɔn ho ano sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ no. 3 Ná Filistifoɔ no gyinagyina bepɔ so wɔ ɛfã ha, ɛnna Israelfoɔ no nso gyinagyina bepɔ so wɔ ɛfã nohoa, na na subɔn da wɔn ntam.
4 Ɛnna ɔkatakyie bi firi Filistifoɔ asoɛeɛ hɔ baeɛ; ne din de Goliat,+ na na ɔfiri Gat.+ Ná ne tenten yɛ basafa nsia ne nsayam mmiɛnsa.* 5 Ná ɔhyɛ kɔbere kyɛ ne dadeɛ ataadeɛ;* kɔbere a wɔde yɛɛ dadeɛ ataadeɛ+ a ɛhyɛ no no, na emu duro yɛ nnwetɛbena 5,000.* 6 Ɔde kɔbere akata ne nan anim, na kɔbere pɛmɛ+ hyɛ n’akyi. 7 Ne pea dua te sɛ ntomanwemfoɔ dua kɛseɛ,+ na dadeɛ a ɛhyɛ ne pea ano no, na emu duro yɛ nnwetɛbena 600;* ná obi kura kyɛm di n’anim. 8 Ɛnna ɔbɛgyinaa hɔ teaam frɛɛ Israelfoɔ a wɔwɔ akono no+ sɛ: “Adɛn nti na moaboaboa mo ho aba sɛ morebɛko? Menyɛ Filistini? Mo nso monyɛ Saul nkoa? Monyi ɔbarima baako na ɔmmɛhyia me. 9 Sɛ ɔtumi ne me ko na ɔku me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ me nso metumi no na meku no a, mo nso mobɛyɛ yɛn nkoa na moasom yɛn.” 10 Ɛnna Filistini no kaa sɛ: “Sɛ Israel asraafoɔ se wɔyɛ mmarima a, ɛnnɛ wɔmma menhunu.*+ Momma me ɔbarima baako na me ne no nko!”
11 Berɛ a Saul ne Israel nyinaa tee nsɛm a Filistini no rekeka no, ehu kaa wɔn, na wɔsuroo paa.
12 Ná Dawid yɛ Efratani+ bi a ɔfiri Yuda kuro Betlehem+ no ba. Ɔbarima no din de Yese,+ na na ɔwɔ mma mmarima nwɔtwe.+ Saul berɛ so no, na ɔbarima no abɔ akɔkoraa. 13 Yese mma mmarima mmiɛnsa a wɔyɛ mpanimfoɔ paa no ne Saul kɔɔ akono.+ Ne mma mmarima mmiɛnsa a wɔkɔɔ ɛko no ne n’abakan Eliab,+ Abinadab+ a ɔtɔ so mmienu, ne Samma+ a ɔtɔ so mmiɛnsa no. 14 Dawid na na ɔsua koraa,+ na mpanimfoɔ mmiɛnsa no dii Saul akyi.
15 Berɛ a Dawid resom Saul nyinaa, na ɔsan hwɛ ne papa nnwan+ wɔ Betlehem, enti na ɔdi akɔneaba. 16 Anɔpa ne anwummerɛ biara, na Filistini no bɛgyina ne gyinabea; ɔyɛɛ saa nnafua 40.
17 Ɛnna Yese ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: “Mesrɛ wo, fa nkyeweɛ efa* susudeɛ baako ne paanoo du yi, na ka wo ho fa kɔma wo nuanom wɔ asoɛeɛ hɔ. 18 Na fa kyiis* du yi kɔma apem so panin no. Afei nso, hwɛ sɛdeɛ wo nuanom no ho teɛ, na gye nkra firi wɔn hɔ brɛ me.” 19 Saa berɛ no, na wɔne Saul ne Israel mmarima a aka no nyinaa wɔ Ela Bɔn mu*+ ne Filistifoɔ no rekɔko.+
20 Enti Dawid sɔree anɔpatutuutu de nnwan no gyaa obi, na ɔboaboaa nneɛma no ano kɔeɛ sɛdeɛ Yese somaa no no. Berɛ a ɔduruu asoɛeɛ hɔ no, na asraafoɔdɔm no rekɔ akono, na wɔmaa ɛko nteamu so. 21 Israelfoɔ ne Filistifoɔ no bɛhyiaa akono, enti na ɛdɔm mmienu no di nhwɛanimu. 22 Ɛhɔ ara na Dawid de nneɛma a ɔkura no hyɛɛ deɛ ɔhwɛ nneɛma so no nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ akono hɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔbisaa sɛdeɛ ne nuanom no ho teɛ.+
23 Berɛ a ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistifoɔ no katakyie a ne din de Goliat+ a ɔfiri Gat no firi Filistifoɔ asraafoɔ no mu baeɛ, na ɔbɛkekaa nsɛm a daa ɔka no,+ na Dawid teeɛ. 24 Berɛ a Israel mmarima no huu ɔbarima no, ehu nti, wɔn nyinaa dwaneeɛ.+ 25 Israel mmarima no kekaa sɛ: “Moahu ɔbarima a ɔreba yi? Daa, ɔba ha bɛkeka nsɛm de bu Israel animtia.*+ Obiara a ɔbɛtumi aku no no, ɔhene bɛma no ahonyadeɛ pii na ɔde ne babaa nso ama no awareɛ,+ na asɛdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma ɔhene no, wɔbɛyi no afiri mu.”
26 Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne nkyɛn no sɛ: “Sɛ obi kum saa Filistini yi de yi animguaseɛ firi Israel so a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ ama ɔbarima no? Hwan koraa ne Filistini momonotoni* yi a ɔrebu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia* wɔ akono yi?”+ 27 Wɔn nso kaa asɛm dada no ara kyerɛɛ no sɛ: “Saa na wɔbɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛku no no.” 28 Berɛ a ne nua panin Eliab+ tee sɛ ɔne mmarima no rekasa no, Eliab bo fuu Dawid dendeenden na ɔkaa sɛ: “Wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Na hwan na wode nnwan kakra no agya no wɔ serɛ so hɔ?+ Menim sɛ woyɛ ahantan, na adwemmɔne na aba w’akomam, ɛfiri sɛ wobaa ha sɛ worebɛhwɛ ɛko no bi.” 29 Na Dawid kaa sɛ: “Mayɛ dɛn? Asɛm kɛkɛ na mebisaeɛ.” 30 Ɛnna ɔdane kɔɔ onipa foforɔ so kɔbisaa no asɛm korɔ no ara,+ na mmuaeɛ korɔ no ara na obiara de maa no.+
31 Ebinom tee nsɛm a Dawid kaeɛ no, na wɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ. Enti ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ no baeɛ. 32 Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mma obiara nnsuro saa Filistini yi.* W’akoa ne no bɛkɔ akɔko.”+ 33 Nanso Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi ne Filistini no nko, ɛfiri sɛ woyɛ aberantewa,+ na ɔno deɛ, wayɛ ɔsraani* firi ne mmɔfraase.” 34 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ná w’akoa rehwɛ ne papa nnwan, na gyata+ bɛkyee odwan ba firii nnwankuo no mu, ɛnna da foforɔ nso, sisire bɛkyee bi. 35 Metii wɔn kɔbɔɔ wɔn hwee hɔ, na meyii nnwan no firii wɔn anom. Berɛ a wɔsɔre baa me so no, mesɔɔ wɔn nwi* mu bɔɔ wɔn hwee hɔ kum wɔn. 36 Gyata ne sisire no nyinaa, w’akoa tumi kum wɔn, na Filistini momonotoni yi bɛyɛ sɛ wɔn mu baako, ɛfiri sɛ wabu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia* wɔ akono.”+ 37 Ɛnna Dawid ka kaa ho sɛ: “Yehowa a ɔgyee me firii gyata ne sisire nsam no, ɔno na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.”+ Afei Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.”
38 Ɛnna Saul de ne ntaadeɛ hyehyɛɛ Dawid, na ɔhyɛɛ no kɔbere kyɛ, na ɔde dadeɛ ataadeɛ nso hyɛɛ no. 39 Na Dawid de ne sekan bɔɔ n’ataadeɛ no so, na ɔyɛɛ sɛ ɔrekɔ, nanso wantumi, ɛfiri sɛ na ɔnhyɛɛ bi da. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Merentumi mfa weinom nkɔ, ɛfiri sɛ menhyɛɛ bi da.” Enti Dawid yiyi guu hɔ. 40 Ɛnna ɔfaa ne poma kuraeɛ, na ɔsesaa mmoseaa nnum a ɛho yɛ tonomtonom firii subɔn no mu de guu nnwanhwɛfoɔ kotokuo a ɔkura no mu. Ná ɔkura n’ataaboɔ*+ wɔ ne nsam, na ɔtwe bɛn Filistini no nkakrankakra.
41 Filistini no nso baa n’anim, na ɔtwe bɛn Dawid nkakrankakra; ná ɔbarima bi kura kyɛm di n’anim. 42 Berɛ a Filistini no maa n’ani so a ɔhuu Dawid no, ɔbuu no animtia, ɛfiri sɛ na ɔyɛ aberantewa a ɔbere na ne ho nso yɛ fɛ.+ 43 Enti Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Meyɛ kraman+ na wode abaa aba me so?” Na Filistini no frɛɛ n’anyame domee Dawid. 44 Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo deɛ bra m’anim, na mede wo nam bɛma ewiem nnomaa ne wuram mmoa.”
45 Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode sekan ne pea ne pɛmɛ+ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn a woaka nsɛm de abu no animtia*+ wɔ akono no din na ɛreba wo so.+ 46 Ɛnnɛ yi ara, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mɛku wo na matwa wo ti afiri so, na nnɛ, mede Filistifoɔ dɔm no afunu bɛma ewiem nnomaa ne asaase so mmoa, na asaase so aman nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+ 47 Na nnipa a wɔahyia ha* yi nyinaa bɛhu sɛ ɛnyɛ sekan ne pea na Yehowa de gye nkwa,+ ɛfiri sɛ ɛko no yɛ Yehowa dea,+ na ɔde mo nyinaa bɛhyɛ yɛn nsa.”+
48 Ɛnna Filistini no baa sɛ ɔrebɛhyia Dawid, na Dawid tuu mmirika kɔhyiaa Filistini no wɔ akono. 49 Na Dawid tenee ne nsa hyɛɛ ne kotokuo no mu yii ɛboɔ, na ɔde hyɛɛ ataaboɔ no mu to bɔɔ Filistini no moma so maa no wuraa mu, na ɔhwee ase maa n’anim butuu fam.+ 50 Enti Dawid de ataaboɔ ne ɛboɔ dii Filistini no so nkonim, na ɔkum Filistini no; nanso na Dawid nkura sekan wɔ ne nsam.+ 51 Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no nkyɛn, na ɔyii Filistini no sekan+ firii ne bɔha* mu de twaa ne ti firii so hwɛ huu sɛ wawu. Berɛ a Filistifoɔ no huu sɛ wɔn katakyie no awu no, wɔdwaneeɛ.+
52 Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose, na wɔtaa Filistifoɔ no firii ɛbɔn no mu+ kɔduruu Ekron+ kuro pono ano nohoa, na wɔkunkum Filistifoɔ no. Ná Filistifoɔ no afunu gugu kwan so firi Saaraim+ kɔsi Gat ne Ekron nohoa. 53 Berɛ a Israelfoɔ no taa Filistifoɔ no so dendeenden maa wɔdwaneeɛ no, wɔsan wɔn akyi baa Filistifoɔ no asoɛeɛ hɔ bɛfom wɔn nneɛma.
54 Ɛnna Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem, na Filistini no akodeɛ deɛ, ɔde guu ɔno ara ne ntomadan mu.+
55 Berɛ a Saul huu sɛ Dawid refiri adi akɔhyia Filistini no, ɔbisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hwan ba ne aberantewa yi?”+ Abner buaa sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wote ase yi,* mennim!” 56 Ɔhene kaa sɛ: “Kɔbisa deɛ ne ba ne aberanteɛ no.” 57 Enti berɛ a Dawid kɔkuu Filistini no wieeɛ a ɔresan aba no, Abner de no baa Saul anim, na na ɔkura Filistini no+ ti. 58 Ɛnna Saul bisaa no sɛ: “Aberanteɛ, hwan ba ne wo?” na Dawid buaa sɛ: “W’akoa Yese+ a ɔfiri Betlehem+ no ba ne me.”