-
Deuteronomium 9:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 “O Israel tie, ɛnnɛ woretwa Yordan+ akɔpamo aman akɛseɛ a ɛyɛ den sene wo+ na woakɔfa nkuro akɛseɛ a ɛho aban duru soro.*+ 2 Aman yi mu nnipa soso woware. Weinom ne Anak mma+ a wonim wɔn no. Wotee wɔn ho asɛm sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi agyina Anak mma anim?’ 3 Enti ɛnnɛ hu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛdi w’anim atwa akɔ hɔ.+ Ɔyɛ egya a ɛhye adeɛ,+ na ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ w’anim ama woapamo wɔn ntɛm* asɛe wɔn, sɛdeɛ Yehowa aka akyerɛ wo no.+
-