31 “Asaase a mede bɛma wo no bɛfiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ po no ano, na asan afa serɛ no so akɔsi Asubɔnten no* ano.+ Na mede asaase no sofoɔ bɛhyɛ wo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.+
23 Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na wama woadi wɔn so nkonim koraa kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre.+24 Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa+ na woapepa wɔn din afiri ɔsoro ase.+ Obiara rentumi nnyina w’anim+ kɔsi sɛ wobɛtu wɔn ase.+