Mateo Twerɛtohɔ
25 “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmaabunu du a wɔfaa wɔn nkanea+ puee sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu.+ 2 Ná wɔn mu nnum yɛ nkwaseafoɔ, na nnum yɛ mmadwemma.*+ 3 Nkwaseafoɔ no faa wɔn nkanea, nanso wɔamfa ngo anka ho. 4 Mmadwemma no deɛ, wɔfaa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea no ho. 5 Berɛ a ayeforɔkunu no rekyɛ no, wɔn nyinaa ani kumii, na wɔfaa mu dae. 6 Dasuom na wɔtee nteamu bi sɛ: ‘Ayeforɔkunu no nie oo! Mompue nkɔhyia no.’ 7 Ɛnna mmaabunu no nyinaa sɔreeɛ, na wɔhwɛɛ wɔn nkanea no hwɛɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa.+ 8 Na nkwaseafoɔ no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi, ɛfiri sɛ yɛn nkanea no reyɛ adum.’ 9 Mmadwemma no buaa sɛ: ‘Ebia na ansõ yɛne mo. Enti monkɔ wɔn a wɔtɔn no nkyɛn nkɔtɔ bi.’ 10 Berɛ a wɔrekɔ akɔtɔ bi no, ayeforɔkunu no bae. Na mmaabunu a wɔayɛ krado no ne no kɔɔ ayeforɔhyia apontoɔ no ase,+ na wɔtoo pono no mu. 11 Ɛno akyi no, mmaabunu a aka no nso bae, na wɔkaa sɛ, ‘Owura, Owura, bue yɛn!’+ 12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, mennim mo.’
13 “Enti monkɔ so nwɛn,+ ɛfiri sɛ monnim da anaa berɛ* no.+
14 “Afei nso, ɔsoro Ahennie te sɛ onipa bi a ɔrebɛtu kwan a ɔfrɛɛ ne nkoa de n’ahodeɛ hyɛɛ wɔn nsa.+ 15 Ɔmaa baako dwetikɛseɛ* nnum, ɔmaa baako mmienu, na ɔmaa ɔfoforɔ nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ, na ɔtuu kwan. 16 Ntɛm ara na deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ nnum no de kɔyɛɛ adwuma, na ɔnyaa nnum kaa ho. 17 Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no san nyaa mmienu kaa ho. 18 Na deɛ ɔnyaa baako no deɛ, ɔkɔtutuu fam de ne wura sika* no siee hɔ.
19 “Berɛ tenteenten akyi no, nkoa no wura bae, na ɔne wɔn buu akonta.+ 20 Enti deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ nnum no de dwetikɛseɛ nnum kaa ho baa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetikɛseɛ nnum; hwɛ, manya dwetikɛseɛ nnum aka ho.’+ 21 Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mo, akoa pa nokwafoɔ! Woadi nneɛma kakra mu nokorɛ. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so.+ Nya wo wura anigyeɛ no bi.’+ 22 Na deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ mmienu no bɛkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetikɛseɛ mmienu; hwɛ, manya dwetikɛseɛ mmienu aka ho.’+ 23 Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mo, akoa pa nokwafoɔ! Woadi nneɛma kakra mu nokorɛ. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so. Nya wo wura anigyeɛ no bi.’
24 “Awieeɛ koraa no, akoa a ɔnyaa dwetikɛseɛ baako no bae, na ɔbɛkaa sɛ: ‘Me wura, menim sɛ woyɛ obi a w’asɛm yɛ den; baabi a wonnuaa hwee no, ɛhɔ na wotwa nnɔbaeɛ, na baabi a wonhuu biribiara so no, ɛhɔ na woboaboa ano.+ 25 Enti mesuroe, na mede wo dwetikɛseɛ no siee fam. W’adeɛ nie, gye.’ 26 Ɛnna ne wura no buaa no sɛ: ‘Akoa bɔne; onihafoɔ. Sɛ́ wonim sɛ baabi a mennuaa hwee no, ɛhɔ na metwa nnɔbaeɛ, na baabi a menhuu biribiara so no, ɛhɔ na meboaboa ano? 27 Enti anka ɛsɛ sɛ wode me sika* no kɔto sikakorabea, na meba a, manya me sika ne ɛho nsiho.
28 “‘Enti monnye dwetikɛseɛ no mfiri ne nsam, na momfa mma deɛ ɔwɔ dwetikɛseɛ du no.+ 29 Na obiara a ɔwɔ bi no, wɔbɛma no bi aka ho ama aboro no so. Na deɛ ɔnni bi no, deɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.+ 30 Mompamo akoa a mfasoɔ nni ne so no nkɔ abɔnten sum no mu. Ɛhɔ na ɔbɛsu na waka ne se asi so dendeenden.’*
31 “Onipa Ba no+ bɛba n’animuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho,+ na ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so. 32 Wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaapae nnipa no mu mmaako mmaako, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paapae nnwan ne mpɔnkye mu no. 33 Na ɔde nnwan no+ bɛgyina ne nsa nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.+
34 “Afei Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne nifa so no sɛ: ‘Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa Ahennie a wɔasiesie ama mo firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase* no nni. 35 Ɛfiri sɛ ɛkɔm dee me, na momaa me biribi dii; sukɔm dee me, na momaa me biribi nomee. Meyɛɛ hɔhoɔ, na mogyee me fɛ so;+ 36 medaa adagya,* na momaa me biribi kataa me ho.+ Meyaree, na mohwɛɛ me. Medaa afiase, na mobɛsraa me.’+ 37 Ɛnna ateneneefoɔ no bɛbua no sɛ: ‘Awurade, da bɛn na yɛhuu wo sɛ ɛkɔm de wo na yɛmaa wo aduane diiɛ, anaasɛ sukɔm de wo na yɛmaa wo biribi nomeeɛ?+ 38 Da bɛn na yɛhuu sɛ woyɛ hɔhoɔ, a yɛgyee wo fɛ so, anaasɛ woda adagya a yɛmaa wo biribi kataa wo ho? 39 Da bɛn na yɛhuu sɛ woyare anaasɛ woda afiase a yɛbɛsraa wo?’ 40 Na Ɔhene no bɛbua wɔn sɛ, ‘Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɛsiane sɛ moyɛ maa me nuanom nkumaa yi mu baako nti, moayɛ ama me.’+
41 “Afei ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne benkum so no sɛ: ‘Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ+ daa egya+ a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu.+ 42 Berɛ a ɛkɔm dee me no, moamma me hwee anni; na sukɔm dee me no, moamma me hwee annom. 43 Meyɛɛ hɔhoɔ, nanso moannye me fɛ so; medaa adagya, nanso moamma me biribi ankata me ho; meyaree, na medaa afiase, nanso moammɛhwɛ me.’ 44 Na wɔn nso bɛbua sɛ: ‘Awurade, da bɛn na yɛhuu sɛ ɛkɔm anaa sukɔm de wo, anaasɛ woyɛ hɔhoɔ anaa woda adagya, anaa woyare anaa woda afiase a yɛammɛsom wo?’ 45 Ɛnna ɔbɛbua wɔn sɛ: ‘Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɛsiane sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɛ amma me.’+ 46 Na weinom bɛfiri hɔ akɔ daa ɔsɛeɛ* mu,+ na wɔn a wɔtene no bɛkɔ daa nkwa mu.”+