Sefania
1 Yehowa asɛm baa Sefania* a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba no nkyɛn. Ɛbaa ne nkyɛn wɔ Amon ba+ Yosia+ a ɔyɛ Yuda hene no berɛ so. Asɛm no nie:
2 “Mɛpra biribiara afiri asaase so akɔ; ɛrenka hwee wɔ so,” Yehowa asɛm nie.+
3 “Mɛpra onipa ne aboa akɔ.
Mɛpra wiem nnomaa ne po mu mpataa,+
Ne suntidua*+ ne abɔnefoɔ nyinaa akɔ.
Na mɛpra nnipa afiri asaase so,” Yehowa asɛm nie.
4 “Mɛtene me nsa wɔ Yuda so,
Ne Yerusalemfoɔ nyinaa so,
Na mɛpra Baal ho biribiara afiri ha,+
Na wɔrenkae akɔmfoɔ* ne asɔfoɔ no din bio.+
5 Mɛpra wɔn a wɔkɔ adan atifi kɔkoto ɔsoro asafo no akɔ.+
Na wɔn a wɔkoto Yehowa na wɔka no ntam,+
A wɔtwa wɔn ho ka Malkam ntam no,+ mɛpra wɔn akɔ;
6 Mɛpra wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri Yehowa ho no akɔ,+
Ne wɔn a wɔnhwehwɛ Yehowa, ne wɔn a wɔnhwehwɛ n’akwankyerɛ nyinaa.”+
7 Monyɛ komm wɔ Awurade Tumfoɔ Yehowa anim, ɛfiri sɛ Yehowa da no abɛn.+
Yehowa asiesie afɔreɛ, na wate wɔn a wafrɛ wɔn no ho.
8 “Sɛ da a Yehowa bɛbɔ afɔreɛ no duru a, mɛtwe adehyeɛ aso,
Na matwe ahemfo mma+ ne wɔn a wɔhyɛ ahɔhoɔ ntaadeɛ nyinaa aso.
9 Saa da no, mɛtwe obiara a ɔforo bamma* aso,
Na matwe wɔn a wɔde basabasayɛ ne nnaadaasɛm hyɛ wɔn wuranom afie ma no aso.
10 Saa da no,” Yehowa asɛm nie,
“Wɔbɛte esũ dendeenden wɔ Mpataa Pono no ano,+
Na wɔbɛte esũ ne nteateamu wɔ kuro no Fã a Ɛtɔ So Mmienu no mu,+
Na wɔbɛte ɔsɛeɛ kɛseɛ wɔ nkokoɔ no so.
11 Maktesfoɔ,* monsu nteateam,
Ɛfiri sɛ wɔakunkum adwadifoɔ no nyinaa,*
Na wɔasɛe wɔn a wɔkari dwetɛ no nyinaa.
12 Saa berɛ no, mɛto me bo ase de nkanea ahwehwɛ Yerusalem kuro no mu.
Na wɔn a wɔgye wɔn ho die* a wɔka no wɔ wɔn akomam sɛ,
‘Yehowa renyɛ papa, na ɔrenyɛ bɔne’+ no, mɛtwe wɔn aso.
13 Nkurɔfoɔ bɛfom wɔn ahonyadeɛ, na wɔn afie bɛsɛe pasaa.+
Yehowa da no nnyegyeeɛ yɛ hu sɛ.+
Ɛhɔ na ɔsabarima bɛteateam.+
15 Saa da no yɛ abufuhyeɛ da,+
Amanehunu ne ahoyera da,+
Mframa kɛseɛ ne ɔsɛeɛ pasaa da,
Esum ne kusuu da,+
Mununkum ne esum kabii da,+
Na ɛbɛba nkuro a wɔabɔ ho ban ne ntwea so aban atenten so.+
18 Na wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Yehowa abufuo da no;+
Na n’ani a abere sɛ gya no bɛma asaase no nyinaa ahye,+
Ɛfiri sɛ ɔde ɔsɛeɛ kɛseɛ bɛba; ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu paa na ɔde bɛkunkum wɔn a wɔtete asaase so nyinaa.”+