Ɔde Kɔmaa Filipifoɔ
4 Enti, me nuanom a medɔ mo a m’ani agyina mo, monnyina pintinn+ saa wɔ Awurade mu. M’adɔfo, mone m’anigyeɛ ne m’abotire.+
2 Metu Euodia fo, na metu Sintike nso fo sɛ wɔnnya adwenkorɔ Awurade mu.+ 3 Aane, me yɔnko pa a me ne wo yɛ adwuma,* wo nso mesrɛ wo, kɔ so boa saa mmaa yi, na wɔne me abom ayɛ adwumaden* wɔ asɛmpa no ho; wɔne Klement ne me mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ a aka nyinaa. Wɔn nyinaa din wɔ nkwa nwoma+ no mu.
4 Monni ahurisie wɔ Awurade mu daa. Meka bio sɛ, Monni ahurisie!+ 5 Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.+ Awurade abɛn. 6 Mommma dadwene nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu.+ Mmom adeɛ nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim;+ 7 na Onyankopɔn asomdwoeɛ+ a ɛboro nteaseɛ nyinaa so no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma ne mo adwene ho ban.+
8 Afei anuanom, biribiara a ɛyɛ nokorɛ, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛtene, biribiara a ɛho teɛ, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyie no, saa nneɛma yi na monkɔ so nnwene* ho.+ 9 Nneɛma a mosuaeɛ, mogye toom, moteeɛ na mohunuu no me ho no, ɛno na monyɛ,+ na asomdwoeɛ Nyankopɔn no ne mo bɛtena.
10 Medi ahurisie kɛseɛ wɔ Awurade mu sɛ afei moafiri aseɛ redwene me ho bio;+ ɛwom, na moredwene me ho, nanso moannya ho kwan anyɛ biribi amfa ankyerɛ. 11 Ɛnyɛ sɛ adeɛ ahia me nti na mereka saa, ɛfiri sɛ masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛma m’ani asɔ deɛ mewɔ.*+ 12 Menim sɛdeɛ yɛdi hia,+ na menim sɛdeɛ yɛnya ma no bu so nso. Biribiara ne tebea biara mu no, masua ɔmee ne ɛkɔm, masua sɛdeɛ yɛnya ma no bu so ne sɛdeɛ yɛdi hia. 13 Deɛ ɔhyɛ me den no adaworoma, menya ahoɔden wɔ biribiara mu.+
14 Nanso mobɔɔ mmɔden sɛ monyaa m’ahohia mu kyɛfa. 15 Deɛ ɛwom ne sɛ, mo Filipifoɔ, monim sɛ berɛ a mogyee asɛmpa no foforɔ na mefirii Makedonia no, asafo biara ne me annya adekyɛ mu kyɛfa, gye mo nko ara;+ 16 ɛfiri sɛ berɛ a mewɔ Tesalonika no, mobrɛɛ me biribi maa mede yɛɛ deɛ mehia, moamfa amma pɛnkoro na mmom mprenu. 17 Ɛnyɛ sɛ merepɛ akyɛdeɛ, na mmom aba a ɛbɛma moanya mfasoɔ* pii na ɛhia me. 18 Nanso manya deɛ mehia nyinaa ama no abu so mpo. Afei a Epafrodito+ de nneɛma a ɛfiri mo hɔ abrɛ me yi deɛ, biribiara nhia me bio. Deɛ mode baeɛ no yɛ adeɛ a ɛyɛ hwam,+ afɔrebɔ a ɛfata na ɛsɔ Onyankopɔn ani yie. 19 Mo nso, me Nyankopɔn a n’ahonya dɔɔso no nam Kristo Yesu so bɛma mo deɛ mohia nyinaa.+ 20 Afei animuonyam nka yɛn Nyankopɔn ne Agya no daa daa. Amen.
21 Ɔkronkronni biara a ɔbata Kristo Yesu ho no, monkyea no mma me. Anuanom a wɔka me ho no kyeakyea mo. 22 Akronkronfoɔ nyinaa kyeakyea mo, titire wɔn a wɔwɔ Kaesare fie+ no.
23 Berɛ a moreda suban pa adi yi, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho.