Yohane Nwoma a Ɛdi Kan
2 Me mma nkumaa, meretwerɛ weinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafoɔ* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔteneneeni+ Yesu Kristo.+ 2 Ɔyɛ mpata afɔreɛ+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara deɛ, na mmom wiase nyinaa nso deɛ ka ho.+ 3 Sɛ yɛkɔ so di n’ahyɛdeɛ so a, ɛno na ɛma yɛhunu sɛ yɛnim no. 4 Sɛ obi ka sɛ, “Menim no,” na wanni n’ahyɛdeɛ so a, ɔyɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni saa onipa no mu. 5 Na obiara a ɔdi n’asɛm so no, saa onipa yi mu na Onyankopɔn dɔ awie pɛyɛ+ ampa. Wei na ɛma yɛhunu sɛ yɛne no yɛ baako.+ 6 Deɛ ɔka sɛ ɔne no yɛ baako no, ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔkɔ so nante sɛdeɛ onii no nanteeɛ no.+
7 Adɔfo, deɛ meretwerɛ abrɛ mo yi, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ. Mmom ɛyɛ ahyɛdeɛ dada a monya firii mfitiaseɛ no.+ Ahyɛdeɛ dada yi ne asɛm a moteeɛ no. 8 Bio nso, meretwerɛ ahyɛdeɛ foforɔ abrɛ mo. Saa ahyɛdeɛ no yɛ nokorɛ wɔ ɔno ne mo nyinaa fam, ɛfiri sɛ esum no retwam, na nokorɛ hann no rehyerɛn dada.+
9 Sɛ obi ka sɛ ɔwɔ hann no mu, na ɔtan+ ne nua a, ɔda so ara wɔ sum no mu.+ 10 Deɛ ɔdɔ ne nua no, ɔte hann no mu,+ na suntidua biara nni ne mu. 11 Na obi a ɔtan ne nua deɛ, ɔte sum mu,+ na ɔnam sum mu, na ɔnnim baabi a ɔrekɔ,+ ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.
12 Mma nkumaa, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ ne din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.+ 13 Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ moabɛhunu deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.+ Mmɔfra nkumaa, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ moabɛhunu Agya no.+ 14 Agyanom, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ moabɛhunu deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ mo ho yɛ den,+ na Onyankopɔn asɛm te mo mu,+ na moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim.+
15 Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase.+ Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no ho dɔ nni ne mu.+ 16 Ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ wiase nyinaa, ɔhonam akɔnnɔ+ ne aniwa akɔnnɔ+ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho* no, ɛmfiri Agya no, na mmom ɛfiri wiase. 17 Afei nso, wiase ne n’akɔnnɔ retwam,+ na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.+
18 Mmɔfra nkumaa, berɛ a ɛdi akyire no nie. Sɛdeɛ moate sɛ deɛ ɔsɔre tia Kristo* no reba+ no, seesei mpo, wɔn a wɔsɔre tia Kristo* bebree aba.+ Wei na ɛma yɛhunu sɛ berɛ a ɛdi akyire no nie. 19 Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ, nanso na wɔnka yɛn ho.*+ Sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wɔfirii yɛn mu kɔe sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ obiara na ɔka yɛn ho.+ 20 Na mo deɛ, ɔkronkronni no+ asra mo, na mo nyinaa mowɔ nimdeɛ. 21 Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no+ nti na meretwerɛ mo. Mmom deɛ enti a meretwerɛ mo ne sɛ, monim nokorɛ no, na atorɔ biara mfiri nokorɛ no mu mma.+
22 Hwan ne ɔtorofoɔ? Ɔno ne deɛ ɔnnye ntom sɛ Yesu ne Kristo+ no. Wei ne deɛ ɔsɔre tia Kristo*+ no, deɛ ɔpo Agya no ne Ɔba no. 23 Obiara a ɔpo Ɔba no, ɔnni Agya no nso.+ Na obiara a ɔgye Ɔba no tom+ no, ɔwɔ Agya no nso.+ 24 Mo deɛ, deɛ moate afiri mfitiaseɛ no, momma ɛntena mo mu.+ Sɛ deɛ moate afiri mfitiaseɛ no tena mo mu a, mo nso mobɛtena Ɔba no mu, na moatena Agya no mu. 25 Bio nso, wei ne adeɛ a ɔno ara de hyɛɛ yɛn bɔ no, daa nkwa.+
26 Deɛ meretwerɛ abrɛ mo yi, ɛfa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo no ho. 27 Na mo deɛ, ɔsra a monya firii ne hɔ+ no te mo mu, na ɛnhia sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; mmom sɛdeɛ ɔsra a monya firii ne hɔ no kyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa+ na ɛyɛ nokorɛ na ɛnyɛ atorɔ no, sɛdeɛ ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, mo ne deɛ ɔsraa mo no nyɛ baako.+ 28 Enti afei, mma nkumaa, mo ne no nyɛ baako, na sɛ wɔda no adi a, yɛatumi akasa ahotɔsoɔ mu,+ na yɛamfa aniwuo amfiri n’anim wɔ ne mmaeɛ no mu. 29 Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, ɛnneɛ monim nso sɛ, obiara a ɔyɛ adetenenee no, ɔno na ɔwoo no.+