Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.
13 O Yehowa, wo werɛ bɛfi me akɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfi me afebɔɔ anaa?
Wode w’anim bɛhinta me akɔsi da bɛn?+
2 Ɛnkɔsi da bɛn na dadwene bɛhyɛ me so
Na awerɛhoɔ atena m’akomam da biara?
Ɛnkɔsi da bɛn na m’atamfo bɛdi me so nkonim?+
3 O Yehowa me Nyankopɔn, hwɛ me, na tie me.
Ma m’ani nhu hann, na manwu,
4 Na me tamfo anka sɛ: “Madi ne so nkonim!”
Mma mennhwe ase mmma m’atamfo nnni ahurisie.+
5 Me deɛ, wo dɔ a ɛnni hwammɔ na mede me ho ato so;+
M’akoma ani bɛgye wo nkwagyeɛ mu.+
6 Mɛto dwom ama Yehowa ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.+