Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Korintofoɔ 10
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofoɔ Mu Nsɛntitire

      • Deɛ ɛtoo Israelfoɔ no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn (1-13)

      • Abosonsom ho kɔkɔbɔ (14-22)

        • Yehowa pono ne ahonhommɔne pono (21)

      • Yɛwɔ ahofadie, nanso ɛhia sɛ yɛdwene ebinom nso ho (23-33)

        • “Monyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam” (31)

1 Korintofoɔ 10:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 13:21
  • +Ex 14:21, 22

1 Korintofoɔ 10:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu kɔɔ Mose mu.”

1 Korintofoɔ 10:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 16:14, 15

1 Korintofoɔ 10:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 17:6
  • +Nu 20:11; Yoh 4:10, 25

1 Korintofoɔ 10:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:29, 35

1 Korintofoɔ 10:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 11:4, 34

1 Korintofoɔ 10:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 32:4, 6

1 Korintofoɔ 10:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mommma yɛnntena adwamammɔ mu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 25:1, 9

1 Korintofoɔ 10:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:16
  • +Nu 21:5, 6; Mt 4:7

1 Korintofoɔ 10:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:2
  • +Nu 14:36, 37

1 Korintofoɔ 10:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mmerɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 15:4

1 Korintofoɔ 10:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 28:14; Lu 22:33, 34; Ga 6:1

1 Korintofoɔ 10:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Pe 5:8, 9
  • +Lu 22:31, 32; 2Pe 2:9
  • +Yes 40:29; Flp 4:13

1 Korintofoɔ 10:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:25, 26; 2Ko 6:17; 1Yo 5:21

1 Korintofoɔ 10:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 26:27, 28
  • +Mt 26:26; Lu 22:19; 1Ko 12:18

1 Korintofoɔ 10:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 12:5

1 Korintofoɔ 10:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 7:15

1 Korintofoɔ 10:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “adaemone.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 32:17
  • +Yuda 6

1 Korintofoɔ 10:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 41:22; Mal 1:12

1 Korintofoɔ 10:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 34:14; De 32:21

1 Korintofoɔ 10:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Mmara ma adeɛ nyinaa ho kwan.”

  • *

    Anaa “Mmara ma adeɛ nyinaa ho kwan.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 14:19; 15:2

1 Korintofoɔ 10:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 10:32, 33; 13:4, 5; Flp 2:4

1 Korintofoɔ 10:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “tiboa.”

1 Korintofoɔ 10:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 24:1; 1Ti 4:4

1 Korintofoɔ 10:27

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “tiboa.”

1 Korintofoɔ 10:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “tiboa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 8:7, 10

1 Korintofoɔ 10:29

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “tiboa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 14:15, 16; 1Ko 8:12

1 Korintofoɔ 10:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 14:6; 1Ti 4:3

1 Korintofoɔ 10:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:16; Kol 3:17

1 Korintofoɔ 10:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 14:13; 1Ko 8:13; 2Ko 6:3

1 Korintofoɔ 10:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 15:2; Flp 2:4
  • +1Ko 9:22

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 10:1Ex 13:21
1 Kor. 10:1Ex 14:21, 22
1 Kor. 10:3Ex 16:14, 15
1 Kor. 10:4Ex 17:6
1 Kor. 10:4Nu 20:11; Yoh 4:10, 25
1 Kor. 10:5Nu 14:29, 35
1 Kor. 10:6Nu 11:4, 34
1 Kor. 10:7Ex 32:4, 6
1 Kor. 10:8Nu 25:1, 9
1 Kor. 10:9De 6:16
1 Kor. 10:9Nu 21:5, 6; Mt 4:7
1 Kor. 10:10Nu 14:2
1 Kor. 10:10Nu 14:36, 37
1 Kor. 10:11Ro 15:4
1 Kor. 10:12Mme 28:14; Lu 22:33, 34; Ga 6:1
1 Kor. 10:131Pe 5:8, 9
1 Kor. 10:13Lu 22:31, 32; 2Pe 2:9
1 Kor. 10:13Yes 40:29; Flp 4:13
1 Kor. 10:14De 4:25, 26; 2Ko 6:17; 1Yo 5:21
1 Kor. 10:16Mt 26:27, 28
1 Kor. 10:16Mt 26:26; Lu 22:19; 1Ko 12:18
1 Kor. 10:17Ro 12:5
1 Kor. 10:18Le 7:15
1 Kor. 10:20De 32:17
1 Kor. 10:20Yuda 6
1 Kor. 10:21Hes 41:22; Mal 1:12
1 Kor. 10:22Ex 34:14; De 32:21
1 Kor. 10:23Ro 14:19; 15:2
1 Kor. 10:241Ko 10:32, 33; 13:4, 5; Flp 2:4
1 Kor. 10:26Dw 24:1; 1Ti 4:4
1 Kor. 10:281Ko 8:7, 10
1 Kor. 10:29Ro 14:15, 16; 1Ko 8:12
1 Kor. 10:30Ro 14:6; 1Ti 4:3
1 Kor. 10:31Mt 5:16; Kol 3:17
1 Kor. 10:32Ro 14:13; 1Ko 8:13; 2Ko 6:3
1 Kor. 10:33Ro 15:2; Flp 2:4
1 Kor. 10:331Ko 9:22
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Korintofoɔ 10:1-33

Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ

10 Afei anuanom, mepɛ sɛ mohu sɛ na yɛn agyanom nyinaa wɔ mununkum no ase,+ na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,+ 2 na berɛ a wɔdi Mose akyi no, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu* wɔ mununkum ne ɛpo no mu, 3 na wɔn nyinaa dii honhom fam aduane+ korɔ, 4 na wɔn nyinaa nom honhom fam nsuo+ korɔ. Wɔnom firii honhom fam ɔbotan a ɛdii wɔn akyi no mu, na saa ɔbotan no ne Kristo.+ 5 Nanso Onyankopɔn annye wɔn mu fã kɛseɛ no ara antom, na wɔkunkum wɔn wɔ serɛ no so.+

6 Nsɛm yi abɛyɛ nhwɛsoɔ ama yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn kɔn rennɔ bɔne sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ no.+ 7 Afei nso, monnsom abosom sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no; sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Nkurɔfoɔ no tenaa ase didi nomeeɛ, na wɔsɔre gyee wɔn ani.”+ 8 Bio nso, mommma yɛmmmɔ adwaman* sɛdeɛ wɔn mu bi bɔɔ adwaman* na wɔn mu 23,000 wuwuu da koro+ no. 9 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Yehowa* hwɛ+ sɛdeɛ wɔn mu bi sɔɔ no hwɛeɛ na awɔ kunkum wɔn+ no. 10 Bio nso, monnnwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi nwiinwiiɛ+ na ɔsɛefoɔ no sɛee wɔn+ no. 11 Deɛ ɛtotoo wɔn no ayɛ nhwɛsoɔ ama yɛn, na yɛn a wiase yi* awieeɛ ato yɛn no, wɔatwerɛ de rebɔ yɛn kɔkɔ.+

12 Enti deɛ ɛyɛ no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase.+ 13 Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛto nnipa nyinaa.+ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra deɛ mobɛtumi,+ na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode bɛfiri mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi agyina ano.+

14 Ɛno nti, m’adɔfo, monnwane mfiri abosonsom ho.+ 15 Me ne mo kasa sɛ nnipa a wɔwɔ nhunumu; deɛ meka no, mo ankasa mommu ho atɛn. 16 Nhyira kuruwa a yɛhyira so no, ɛnyɛ Kristo mogya mu kyɛfa anaa?+ Paanoo a yɛbubu no, ɛnyɛ Kristo nipadua mu kyɛfa anaa?+ 17 Ɛsiane sɛ paanoo no yɛ baako nti, yɛdɔɔso deɛ, nanso yɛyɛ nipadua baako,+ ɛfiri sɛ yɛn nyinaa di paanoo baako no ara bi.

18 Monhwɛ honam fam Israel: Wɔn a wɔdi afɔrebɔdeɛ no, ɛnyɛ wɔne afɔrebukyia no na ɛkyɛ anaa?+ 19 Ɛnneɛ deɛn na merepɛ akyerɛ? Mereka sɛ deɛ wɔde bɔ afɔreɛ ma bosom no yɛ biribi, anaasɛ bosom yɛ biribi anaa? 20 Daabi; mmom deɛ mereka ne sɛ afɔreɛ a amanaman no bɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne,* na ɛnyɛ Onyankopɔn;+ na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne bom yɛ biribiara.+ 21 Morentumi nnom Yehowa* kuruwa ano nsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano; morentumi nnidi “Yehowa* pono”+ so nsan nnidi ahonhommɔne pono so. 22 Anaasɛ ‘yɛreyɛ biribi de ahuru Yehowa* bo’?+ Yɛn ho yɛ den sene no anaa?

23 Hokwan wɔ hɔ ma adeɛ nyinaa,* nanso ɛnyɛ ne nyinaa na mfasoɔ wɔ so. Hokwan wɔ hɔ ma adeɛ nyinaa,* nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den.+ 24 Obiara nnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso deɛ bi.+

25 Biribiara a wɔtɔn no namdwa so no, monni, na mo ahonim* nti, mommmisabisa ho nsɛm, 26 ɛfiri sɛ “asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa* dea.”+ 27 Sɛ obi a ɔnnye nnie to nsa frɛ mo na mopɛ sɛ mokɔ a, monni deɛ ɔde bɛsi mo anim biara, na mo ahonim* nti, mommmisabisa ho nsɛm. 28 Nanso sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: “Wei yɛ biribi a wɔde abɔ afɔreɛ” a, onipa a ɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ mo, ɛne ahonim* nti, monnni.+ 29 Ɛnyɛ wo ara w’ahonim na mereka, na mmom onipa foforɔ no deɛ. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa foforɔ ahonim* bu ahofadie a mewɔ no atɛn?+ 30 Sɛ medi na meda ho ase na sɛ nkurɔfoɔ bɛkasa atia me a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ medie?+

31 Enti sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforɔ biara oo, monyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.+ 32 Monhwɛ na moanto Yudafoɔ ne Greecefoɔ ne Onyankopɔn asafo no suntidua,+ 33 sɛdeɛ me nso merebɔ me ho mmɔden sɛ mɛsɔ nnipa nyinaa ani wɔ adeɛ nyinaa mu no. Menhwehwɛ deɛ ɛhia me nko ara,+ na mmom mehwehwɛ deɛ ɛhia nnipa pii, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane