Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mmebusɛm 26
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Mmebusɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

    • SOLOMON MMEBUSƐM A ƆHENE HESEKIA MMARIMA (25:1–29:27)

Mmebusɛm 26:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 30:21, 22; Ɔsɛ 10:7

Mmebusɛm 26:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Saa ara na nnome a ɛmfata remma mu.”

Mmebusɛm 26:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Mpire.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 32:9
  • +Mme 27:22

Mmebusɛm 26:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Na wo ne no anyɛ pɛ.”

Mmebusɛm 26:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 21:23-25

Mmebusɛm 26:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔnom awudisɛm.”

Mmebusɛm 26:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “sensɛn hɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 17:7

Mmebusɛm 26:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 19:10; 26:1

Mmebusɛm 26:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “pira obiara.”

Mmebusɛm 26:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Pe 2:22

Mmebusɛm 26:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 12:15; 1Ko 3:18; 8:2

Mmebusɛm 26:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 22:13

Mmebusɛm 26:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Sɛdeɛ ɛpono danedane ne ho wɔ ne mponterɛ so no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 6:9; 19:15; 24:33, 34

Mmebusɛm 26:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 19:24

Mmebusɛm 26:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔde ne ho gye ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 4:11; 1Pe 4:15

Mmebusɛm 26:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “agyan ne owuo.”

Mmebusɛm 26:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 15:21

Mmebusɛm 26:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 22:10; Yak 3:6

Mmebusɛm 26:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 3:30; 16:28; 17:14

Mmebusɛm 26:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne nsɛm te sɛ kɔntɔmoa a wɔde adufudepɛ memene.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 18:8

Mmebusɛm 26:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ano a ɛredɛre.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 20:9, 10

Mmebusɛm 26:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Ɛfiri sɛ n’akoma yɛ akyiwadeɛ koraa.”

Mmebusɛm 26:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Es 7:10; Dw 9:15; Mme 28:10; Ɔsɛ 10:8

Mmebusɛm 26:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 29:5

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Mmeb. 26:1Mme 30:21, 22; Ɔsɛ 10:7
Mmeb. 26:3Dw 32:9
Mmeb. 26:3Mme 27:22
Mmeb. 26:5Mt 21:23-25
Mmeb. 26:7Mme 17:7
Mmeb. 26:8Mme 19:10; 26:1
Mmeb. 26:112Pe 2:22
Mmeb. 26:12Mme 12:15; 1Ko 3:18; 8:2
Mmeb. 26:13Mme 22:13
Mmeb. 26:14Mme 6:9; 19:15; 24:33, 34
Mmeb. 26:15Mme 19:24
Mmeb. 26:171Te 4:11; 1Pe 4:15
Mmeb. 26:19Mme 15:21
Mmeb. 26:20Mme 22:10; Yak 3:6
Mmeb. 26:21Mme 3:30; 16:28; 17:14
Mmeb. 26:22Mme 18:8
Mmeb. 26:232Sa 20:9, 10
Mmeb. 26:27Es 7:10; Dw 9:15; Mme 28:10; Ɔsɛ 10:8
Mmeb. 26:28Mme 29:5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Mmebusɛm 26:1-28

Mmebusɛm

26 Sɛdeɛ sukyerɛmma ntɔ ahuhuro berɛ mu, na nsuo ntɔ twaberɛ mu no,

Saa ara na animuonyam mfata kwasea.+

 2 Sɛdeɛ anomaa nnwane kwa, na asomfena ntu kwa no,

Saa ara na nnome mma kwa.*

 3 Abaa* wɔ hɔ ma pɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afunumu,+

Na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafoɔ akyi.+

 4 Mma kwasea mmuaeɛ sɛdeɛ ne nkwaseasɛm teɛ,

Na woanyɛ sɛ ɔno.*

 5 Ma kwasea mmuaeɛ wɔ ne nkwaseasɛm ho,

Na n’adwene anyɛ no sɛ ɔnim nyansa.+

6 Deɛ ɔde asɛm hyɛ kwasea nsa no,

Ɔte sɛ onipa a ɔbubu ɔno ara ne nan na ɔpira ne ho.*

 7 Sɛdeɛ apakye nan wosowoso* no,

Saa ara na abebusɛm teɛ wɔ nkwaseafoɔ anom.+

 8 Sɛdeɛ ɛboɔ a wɔde ataaboɔ akyekyere teɛ no,

Saa ara na kwasea a wɔhyɛ no animuonyam teɛ.+

 9 Sɛdeɛ nkasɛɛ dua teɛ wɔ ɔsabofoɔ nsam no,

Saa ara na nkwaseafoɔ anom abebusɛm teɛ.

10 Sɛdeɛ obi a ɔto agyan pirapira nkurɔfoɔ basabasa* teɛ no,

Saa ara na obi a ɔbɔ nkwaseafoɔ anaa wɔn a wɔretwam paa no teɛ.

11 Sɛdeɛ kraman a ɔsan kɔ ne feɛ ho teɛ no,

Saa ara na kwasea tĩ ne nkwaseasɛm mu.+

12 Woahunu onipa a n’adwene yɛ no sɛ ɔyɛ onyansafoɔ?+

Anidasoɔ wɔ hɔ ma kwasea sene no.

13 Ɔkwadwofoɔ ka sɛ: “Gyata a ne ho yɛ den wɔ kwan so,

Gyata bi wɔ abɔnten!”+

14 Sɛdeɛ ɛpono kɔ n’anim ba n’akyi no,*

Saa ara na kwadwofoɔ danedane ne ho wɔ ne mpa so.+

15 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa ato ayowa mu,

Nanso wabrɛ dodo sɛ ɔde bɛkɔ n’ano.+

16 Ɔkwadwofoɔ adwene yɛ no sɛ ɔnim nyansa

Sene nnipa nson a wɔma mmuaeɛ a nyansa wom.

17 Deɛ ɔretwam a ntɔkwa a ɛmfa ne ho ma ne bo fu* no,

Ɔte sɛ obi a ɔsɔ kraman aso.+

18 Sɛdeɛ bɔdamfoɔ toto pea a egya wɔ ano ne agyan a ɛdi awuo* no,

19 Saa ara na onipa a ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ: “Ɛyɛ agorɔ na meredie” no teɛ.+

20 Sɛ anyina nni hɔ a, egya dum,

Na sɛ dinsɛefoɔ nni hɔ a, ntɔkwa to twa.+

21 Sɛdeɛ gyabidie wɔ hɔ ma nsramma a ɛredum, na anyina wɔ hɔ ma egya no,

Saa ara na ntɔkwapɛfoɔ soso gya gu akasakasa mu.+

22 Deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no, ne nsɛm te sɛ aduane a ɛyɛ dɛ;*

Nkurɔfoɔ memene kɔgu wɔn yafunu mu tɔnn.+

23 Nsɛm a ɛyɛ dɛ* a ɛfiri akoma bɔne mu no,

Ɛte sɛ ayowa sini a wɔde dwetɛ adura ho.+

24 Deɛ ɔtan nkurɔfoɔ no, ɔde n’ano kata ɔtan no so,

Nanso ɔde nnaadaa hyɛ ne mu.

25 Ɔbɛka nsɛm dɛdɛɛdɛ, nanso nnye no nni,

Ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson wɔ n’akoma mu.*

26 Ɔde nnaadaa akata ɔtan no so,

Nanso ne bɔne bɛda adi asafo mu.

27 Deɛ ɔtu amena no, ɔbɛtɔ mu,

Na obiara a ɔpia ɛboɔ no, ɛbɛsan aba ne so.+

28 Atorɔ kɛtrɛma tan wɔn a ɛpira wɔn no,

Na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ sɛe adeɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane