Dwom
137 Babilon nsubɔnten ho+ na yɛtenatenaeɛ.
Berɛ a yɛkaee Sion no, yɛsuiɛ.+
3 Ɛhɔ na wɔn a wɔtuu yɛn ase firii yɛn man mu no kaa sɛ yɛnto dwom mma wɔn;+
Ná wɔn a wɔredi yɛn ho fɛ no pɛ sɛ wɔde yɛn gyegye wɔn ani. Wɔkaa sɛ:
“Monto Sion nnwom no baako mma yɛn.”
4 Yɛbɛyɛ dɛn ato Yehowa dwom
Wɔ ananafoɔ asaase so?
6 Sɛ mankae wo,
Na mamma Yerusalem ho asɛm anhia me
Ansene biribiara a ɛma medi ahurisie+ a,
Ma me kɛtrɛma mfam me dodom.
7 O Yehowa, kae deɛ Edomfoɔ kaeɛ,
Ɛda a Yerusalem sɛeɛ no. Wɔkaa sɛ:
“Monnwiri ngu! Monnwiri ngu nkɔsi ne fapem so!”+