Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Yedutan* so. Asaf+ dwom.
2 Mehwehwɛ Yehowa m’ahohia da.+
Ɛduru anadwo a, mema me nsa so kyerɛ no saa ara,*
Nanso mennya* awerɛkyekyerɛ.
4 Wosɔ m’ani akyi, enti mentumi nka m’ani ngu so;
Mayɛ hagyahagya, na mentumi nkasa.
7 Yehowa bɛto yɛn atwene afebɔɔ anaa?+
Enti n’ani rennye yɛn ho bio?+
Enti ne bɔhyɛ remma mu mma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa?
10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so ka sɛ: “Deɛ ɛreteetee me*+ ne sɛ:
Ɔsorosoroni no nka yɛn ho bio”?*
11 Mɛkae Yah nnwuma;
Anwanwadwuma a tete no woyɛeɛ no, mɛkae.
13 O Onyankopɔn, w’akwan yɛ kronkron.
O Onyankopɔn, onyame bɛn na ɔyɛ kɛseɛ te sɛ wo?+
14 Wone nokorɛ Nyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ.+
Woama amanaman no ahu wo tumi.+
Subunu nso huruu kutukutu.
17 Nsuo tɔ firii mununkum mu;
Ewiem yɛɛ tumm na aprannaa boboom.
Wototoo w’agyan maa no paa yerɛyerɛ.+
18 W’aprannaa mmobom+ yɛɛ sɛ teaseɛnam nnyegyeeɛ;
Anyinam maa wiase yɛɛ hann;+
Asaase hinhimiiɛ na ɛwosoo biribiri.+
Na w’anammɔn kwan nso, na ɛda nsuo pii mu;
Nanso obiara anhunu baabi a wode w’anammɔn sisiiɛ.