Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
10 Afei anuanom, mepɛ sɛ mohu sɛ na yɛn agyanom nyinaa wɔ mununkum no ase,+ na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,+ 2 na berɛ a wɔdi Mose akyi no, wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu* wɔ mununkum ne ɛpo no mu, 3 na wɔn nyinaa dii honhom fam aduane+ korɔ, 4 na wɔn nyinaa nom honhom fam nsuo+ korɔ. Wɔnom firii honhom fam ɔbotan a ɛdii wɔn akyi no mu, na saa ɔbotan no ne Kristo.+ 5 Nanso Onyankopɔn annye wɔn mu fã kɛseɛ no ara antom, na wɔkunkum wɔn wɔ serɛ no so.+
6 Nsɛm yi abɛyɛ nhwɛsoɔ ama yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn kɔn rennɔ bɔne sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ no.+ 7 Afei nso, monnsom abosom sɛdeɛ wɔn mu bi yɛeɛ no; sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Nkurɔfoɔ no tenaa ase didi nomeeɛ, na wɔsɔre gyee wɔn ani.”+ 8 Bio nso, mommma yɛmmmɔ adwaman* sɛdeɛ wɔn mu bi bɔɔ adwaman* na wɔn mu 23,000 wuwuu da koro+ no. 9 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Yehowa* hwɛ+ sɛdeɛ wɔn mu bi sɔɔ no hwɛeɛ na awɔ kunkum wɔn+ no. 10 Bio nso, monnnwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi nwiinwiiɛ+ na ɔsɛefoɔ no sɛee wɔn+ no. 11 Deɛ ɛtotoo wɔn no ayɛ nhwɛsoɔ ama yɛn, na yɛn a wiase yi* awieeɛ ato yɛn no, wɔatwerɛ de rebɔ yɛn kɔkɔ.+
12 Enti deɛ ɛyɛ no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase.+ 13 Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛto nnipa nyinaa.+ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra deɛ mobɛtumi,+ na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode bɛfiri mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi agyina ano.+
14 Ɛno nti, m’adɔfo, monnwane mfiri abosonsom ho.+ 15 Me ne mo kasa sɛ nnipa a wɔwɔ nhunumu; deɛ meka no, mo ankasa mommu ho atɛn. 16 Nhyira kuruwa a yɛhyira so no, ɛnyɛ Kristo mogya mu kyɛfa anaa?+ Paanoo a yɛbubu no, ɛnyɛ Kristo nipadua mu kyɛfa anaa?+ 17 Ɛsiane sɛ paanoo no yɛ baako nti, yɛdɔɔso deɛ, nanso yɛyɛ nipadua baako,+ ɛfiri sɛ yɛn nyinaa di paanoo baako no ara bi.
18 Monhwɛ honam fam Israel: Wɔn a wɔdi afɔrebɔdeɛ no, ɛnyɛ wɔne afɔrebukyia no na ɛkyɛ anaa?+ 19 Ɛnneɛ deɛn na merepɛ akyerɛ? Mereka sɛ deɛ wɔde bɔ afɔreɛ ma bosom no yɛ biribi, anaasɛ bosom yɛ biribi anaa? 20 Daabi; mmom deɛ mereka ne sɛ afɔreɛ a amanaman no bɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne,* na ɛnyɛ Onyankopɔn;+ na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne bom yɛ biribiara.+ 21 Morentumi nnom Yehowa* kuruwa ano nsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano; morentumi nnidi “Yehowa* pono”+ so nsan nnidi ahonhommɔne pono so. 22 Anaasɛ ‘yɛreyɛ biribi de ahuru Yehowa* bo’?+ Yɛn ho yɛ den sene no anaa?
23 Hokwan wɔ hɔ ma adeɛ nyinaa,* nanso ɛnyɛ ne nyinaa na mfasoɔ wɔ so. Hokwan wɔ hɔ ma adeɛ nyinaa,* nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den.+ 24 Obiara nnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso deɛ bi.+
25 Biribiara a wɔtɔn no namdwa so no, monni, na mo ahonim* nti, mommmisabisa ho nsɛm, 26 ɛfiri sɛ “asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa* dea.”+ 27 Sɛ obi a ɔnnye nnie to nsa frɛ mo na mopɛ sɛ mokɔ a, monni deɛ ɔde bɛsi mo anim biara, na mo ahonim* nti, mommmisabisa ho nsɛm. 28 Nanso sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: “Wei yɛ biribi a wɔde abɔ afɔreɛ” a, onipa a ɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ mo, ɛne ahonim* nti, monnni.+ 29 Ɛnyɛ wo ara w’ahonim na mereka, na mmom onipa foforɔ no deɛ. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa foforɔ ahonim* bu ahofadie a mewɔ no atɛn?+ 30 Sɛ medi na meda ho ase na sɛ nkurɔfoɔ bɛkasa atia me a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ medie?+
31 Enti sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforɔ biara oo, monyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.+ 32 Monhwɛ na moanto Yudafoɔ ne Greecefoɔ ne Onyankopɔn asafo no suntidua,+ 33 sɛdeɛ me nso merebɔ me ho mmɔden sɛ mɛsɔ nnipa nyinaa ani wɔ adeɛ nyinaa mu no. Menhwehwɛ deɛ ɛhia me nko ara,+ na mmom mehwehwɛ deɛ ɛhia nnipa pii, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye wɔn nkwa.+