Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No.
130 O Yehowa, mefiri bɔn mu su frɛ wo.+
2 O Yehowa, tie me nne.
Yɛ aso tie me nkotosrɛ.
3 O Yah, sɛ mfomsoɔ na wohwɛ a,
O Yehowa, anka hwan na ɔbɛtumi agyina w’anim?+
4 Wo na wode bɔne kyɛ koraa+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛsuro wo.+
5 M’ani da Yehowa so; mede me werɛ nyinaa ahyɛ ne mu;
N’asɛm na m’ani da so.
6 Sɛdeɛ meretwɛn Yehowa dendeenden no,+
Ɛkyɛn awɛmfoɔ a wɔretwɛn adekyeeɛ;+
Ampa, ɛkyɛn awɛmfoɔ a wɔretwɛn adekyeeɛ.
7 Momma Israel ntwɛn Yehowa,
Ɛfiri sɛ Yehowa dɔ nni hwammɔ,+
Na ɔwɔ tumi kɛseɛ a ɔde gye nkwa.
8 Ɔbɛgye Israel afiri wɔn mfomsoɔ nyinaa mu.