Hiob
38 Ɛnna Yehowa bisaa Hiob wɔ ahum no mu sɛ:+
3 Yɛ krado sɛ ɔbarima;
Merebebisa wo nsɛm bi, na woayi me ano.
4 Berɛ a metoo asaase fapem no, na wowɔ he?+
Sɛ wonim a, ka kyerɛ me.
5 Hwan na ɔsusu too hɔ; wonim anaa?
Na hwan na ɔde susuhoma susuiiɛ?
6 Ɛdeɛn so na wɔde ne nnyinasoɔ sisiiɛ,
Na hwan na ɔde ne ntwea so boɔ tim hɔ,+
8 Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ dan mu too no pono mu,+
Berɛ a ɛpue firii yafunu mu,
9 Berɛ a mede mununkum kataa ho,
Na mede esum kabii kyekyeree ho,
10 Berɛ a metoo ɛhyeɛ maa no,
Na mesisii apono ne adeɛ a wɔde brambram akyire maa no,+
11 Berɛ a mekaa sɛ, ‘Bɛso ha yi ara, na ntra;
Ɛha ara na w’asorɔkye akɛseɛakɛseɛ no mmɛso’ no?+
12 Woahyɛ mmara ama anɔpa pɛn?*
Anaa wo na wokyerɛ adekyeeɛ baabi a ɛmpue mfire?+
13 Wo na wokyerɛ no sɛ ɛnsosɔ asaase anoano,
Na ɛmporoporo abɔnefoɔ mfiri so ngu?+
14 Ɛma asaase sesa te sɛ dɔteɛ a wɔde biribi a ahyɛnsodeɛ wɔ ho refa so,
Na ɛso biribiara da adi fɛfɛɛfɛ te sɛ ataadeɛ a wɔadi adwinni agu mu.
15 Ɛyi abɔnefoɔ kanea firi wɔn so,
Na wɔn basa a wɔama so no bubu.
18 Woahunu sɛdeɛ asaase yɛ tɛtrɛtɛ fa?+
Sɛ wonim weinom nyinaa a, ka kyerɛ me.
21 Wogye di sɛ saa berɛ no na wɔawo wo nti wonim anaa?
Anaa wogye di sɛ woadi mfeɛ* bebree nti wonim?
22 Woakɔ adan a wɔkora sukyerɛmma wom mu da,+
Anaa woahunu adan a wɔkora asukɔtweaa wom da,+
23 Adeɛ a mede asie ama amanehunu berɛ
Ne ɛko ne ɔsa da no?+
25 Hwan na wayi kwan ama nsuyire,
Na wapae kwan ama mununkum a ɛde suframa ne aprannaa ba,+
26 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsuo bɛtɔ wɔ baabi a onipa biara nteɛ,
Na atɔ agu ɛserɛ so baabi a nnipa nnie,+
27 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asaase a asɛe pasaa bɛyɛ yie,
Na ama ɛserɛ afifi?+
29 Hwan yam na nsuo a akyenkyene firi baeɛ,
Na hwan na ɔwoo ɔsoro asukɔtweaa,+
30 Berɛ a nsuo ani akyenkyene sɛ boɔ,
Na subunu ani akyene dendeenden no?+
32 Sɛ nsorommakuo* berɛ so a, wobɛtumi adi n’anim de no apue?
Na Ayis nsorommakuo* ne ne mma nso, wobɛtumi akyerɛ wɔn kwan?
35 Wobɛtumi asoma anyinam ama no akɔ?
Na ɛbɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn nie!’ anaa?
37 Hwan na ɔnim nyansa a enti ɔbɛtumi akan mununkum?
Na hwan na ɔbɛtumi ahwie ɔsoro nhina mu nsuo agu,+
38 Berɛ a mfuturo dane atɛkyɛ na ɛhwie gu,
Na dɔteɛ a abɔ ntoantoa keka bom no?