Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Tesalonikafoɔ
3 Afei anuanom, monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn,+ na ama Yehowa* asɛm akɔ so atrɛ ntɛmntɛm,+ na wɔahyɛ n’asɛm no animuonyam, sɛdeɛ moreyɛ no. 2 Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma yɛn na wɔagye yɛn afiri amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ nsam,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie.+ 3 Nanso Awurade yɛ ɔnokwafoɔ, na ɔbɛhyɛ mo den, na wabɔ mo ho ban afiri ɔbɔnefoɔ no ho. 4 Bio nso, yɛwɔ mo mu ahotɔsoɔ wɔ Awurade mu sɛ akwankyerɛ a yɛde ma mo no, mode reyɛ adwuma na mobɛkɔ so de ayɛ adwuma. 5 Awurade nkɔ so nkyerɛ mo akoma kwan yie nkɔ Onyankopɔn dɔ+ ho, na ɔmma mommia mo ani,+ Kristo nti.
6 Afei anuanom, yɛrema mo akwankyerɛ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, onua biara a ɔnenam basabasa na ɔnni nsɛm* a mote* firii yɛn nkyɛn no+ so no, montwe mo ho mfiri ne ho.+ 7 Na mo ara monim sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mosuasua yɛn,+ ɛfiri sɛ yɛammɔ yɛn bra basabasa wɔ mo mu, 8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduane kwa.*+ Mmom yɛbirii yɛn mogya ani yɛɛ adwumaden awia ne anadwo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa ɛka kɛseɛ biara nto mo mu biara so.+ 9 Ɛnyɛ sɛ yɛnni tumi+ sɛ yɛgye biribi firi mo hɔ, na mmom na yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho yɛ nhwɛsoɔ ma mo na mosuasua yɛn.+ 10 Nokorɛm no, berɛ a yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛtaa de ahyɛdeɛ yi ma mo sɛ: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma no nnnidi nso.”+ 11 Na yɛate sɛ ebinom nenam basabasa wɔ mo mu+ a wɔnyɛ adwuma koraa, na nsɛm a ɛmfa wɔn ho na wɔde wɔn ano to mu.+ 12 Saa nnipa no, yɛhyɛ wɔn, na yɛtu wɔn fo wɔ Awurade Yesu Kristo mu sɛ, wɔnyɛ komm nyɛ adwuma na wɔnni aduane a wɔn ankasa abrɛ anya.+
13 Anuanom, mo deɛ, mommmrɛ papayɛ mu. 14 Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ krataa yi mu a, monhyɛ onii no nso, mo ne no mmmɔ+ na ama n’ani awu. 15 Nanso mommmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkɔ so ntu no fo+ sɛ onua.
16 Na asomdwoeɛ Wura no ankasa mma mo asomdwoeɛ daa wɔ akwan nyinaa mu.+ Awurade ne mo nyinaa ntena.
17 Me Paul, me nkyea a mede me ara me nsa twerɛeɛ+ nie. Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ wɔ me krataa biara mu; sei na metwerɛ.
18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.