Yesaia
57 Ɔteneneeni ayera,
Nanso ɛmfa obiara ho.
2 Ɔkɔ asomdwoeɛ mu.
Wɔhome wɔ wɔn mpa so,* wɔn a wɔnam tenenee mu nyinaa.
4 Hwan na moredi ne ho agorɔ no?
Hwan na moatɛɛ mo anom wɔ ne so, na moatwe mo kɛtrɛma yi?
Ɛnyɛ mo na moyɛ bɔne mma
Ne atorɔ asefoɔ no?+
5 Ɛnyɛ mo na nna ho akɔnnɔ ahyɛ mo mã wɔ nnua akɛseɛ ntam+
Ne dua biara a ayɛ kusuu ase no?+
Ɛnyɛ mo na mokum mmɔfra wɔ abɔn* mu+
Ne abotan mu ntokuro mu no?
6 Subɔn mu aboɔ a ɛho yɛ toromtorom ne wo kyɛfa.+
Na ɛno na wofaeɛ.
Wogu afɔrebɔ nsã mpo wɔ so, na wode akyɛdeɛ gu so.+
Menka m’akoma nto me yam* wɔ weinom ho anaa?
8 Wode wo nkaeɛ adeɛ sii ɛpono ne aponnwa akyi.
Wogyaa me hɔ, na woyii wo ho;
Woforoe, na wotrɛɛ wo mpa mu.
Na wo ne wɔn yɛɛ apam.
Wosomaa nnipa kɔɔ akyirikyiri,
Na wosiane kɔɔ Adamena* mu.
10 Wode wo tiri apempem wɔ w’akwan dodoɔ no mu.
Nanso woanka sɛ: ‘Ɛyɛ brɛ hunu!’
Wonyaa ahoɔden foforɔ.
Ɛno nti na wompa aba* no.
Woankae me.+
Na woamfa hwee ansie w’akoma mu.+
Mayɛ komm, na mapɛ me baabi atena.*+
Ɛno nti wonsuro me.
Mframa bɛhu wɔn nyinaa akɔ,
Na hwenem mframa kɛkɛ de wɔn nyinaa bɛkɔ.
Nanso deɛ ɔbɛdwane atoa me no bɛnya asaase no atena so,
Na ɔbɛfa me bepɔ kronkron no.+
14 Na wɔbɛka sɛ, ‘Mompae kwan, mompae kwan! Monsiesie kwan mu!+
Monyi akwansideɛ biara mfiri me man kwan mu.’”
“Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,+
Me ne wɔn a wɔabubuo ne mmɔborɔwafoɔ na ɛteɛ,
Sɛ mɛma mmɔborɔwafoɔ agyina wɔn nan so bio,
Na mama wɔn a wɔabubuo no akoma asan anya ahoɔden.+
17 Ne bɔne, ne mfaso bɔne+ a ɔdi akyire nti, me bo fui.
Enti mebɔɔ no, na mede m’anim hintae, na me bo fui.
Nanso ɔkɔɔ so nantee sɛ kobɔfoɔ,+ ɔdii n’akoma akyi.
18 Mahunu n’akwan,
Nanso mɛsa no yareɛ+ na madi n’anim.+
Na mɛsan ama ɔne wɔn a wɔne no redi awerɛhoɔ+ no anya awerɛkyekyerɛ.”+
19 Yehowa aka sɛ: “Mede ayeyie bɛhyɛ obi anom.*
Deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn bɛnya asomdwoeɛ daa,+
Na mɛsa no yareɛ.”
20 “Nanso abɔnefoɔ te sɛ po a ɛrebu fa so a ɛntumi nyɛ komm,
Na emu nsuo kɔ so pu wura ne atɛkyɛ.