97 Yehowa abɛyɛ Ɔhene!+
Momma asaase ani nnye.+
Momma nsupɔ nyinaa nni ahurisie.+
2 Mununkum ne kusuuyɛ atwa ne ho ahyia;+
Tenenee ne atɛntenenee yɛ n’ahennwa nnyinasoɔ.+
3 Egya firi n’anim kɔ,+
Na ɛhye n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.+
4 N’anyinam hyerɛn wɔ wiase;
Asaase hu a, ɛwoso.+
5 Mmepɔ nane sɛ ɛwoɔkyɛm wɔ Yehowa anim;+
Ɛnane wɔ asaase nyinaa Wura no anim.
6 Ɔsoro pae mu ka ne tenenee,
Na aman nyinaa hu n’animuonyam.+
7 Momma wɔn a wɔkoto sɔre ahoni nyinaa ani nwu,+
Wɔn a wɔde anyamehunu hoahoa wɔn ho no.+
Anyame nyinaa, monkoto no.+
8 Sɛ Sion te a, ɔdi ahurisie;+
O Yehowa, w’atemmusɛm nti,
Yuda nkuro ani gye.+
9 Wo, Yehowa, wone Ɔsorosoroni a ɔdi asaase nyinaa so;
Woama wo ho so koraa atra anyame nyinaa.+
10 O mo a modɔ Yehowa, monkyiri bɔne.+
Ɔwɛn n’anokwafoɔ;+
Ɔgye wɔn firi nnebɔneyɛfoɔ nsam.+
11 Hann ahyerɛn ama ɔteneneeni,+
Na ahurisidie ahyerɛn ama akomam teefoɔ.
12 Mo, ateneneefoɔ, monni ahurisie wɔ Yehowa mu,
Na monkamfo ne din kronkron no.