Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Sukooko.” Kora mma dwom.+ Maskil.* Ɔdɔ ho dwom.
45 Asɛmpa bi akanyan m’akoma.
Mese: “Me dwom no* fa ɔhene bi ho.”+
Ma me kɛtrɛma nyɛ sɛ ɔtwerɛfoɔ a ne ho akokwa+ twerɛdua.+
2 Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma nyinaa.
W’anom kasa yɛ dɛ sɛ.+
Ɛno nti na Onyankopɔn ahyira wo daa no.+
4 Na kɔdi nkonim w’animuonyam mu;+
Nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee nti, tena wo pɔnkɔ so na ko,+
Na wo nsa nifa bɛyɛ* anwanwadwuma.
7 Wodɔɔ adetenenee,+ na wokyirii adebɔne.+
Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie+ ngo asra wo+ sene wo mfɛfoɔ no.
8 Kurobo ne pɛprɛ ne kasia dua yi hwa wɔ wo ntaadeɛ nyinaa mu;
Sɛ wɔbɔ sankuo wɔ ahemfie kɛseɛ a wɔde asonse* ayɛ no mu a, wodi ahurisie.
9 Wo mmaa a wɔwɔ animuonyam no, ahemfo mma mmaa ka ho.
Ɔhemmaa no abɛgyina wo nsa nifa so, na ɔde Ofir sika kɔkɔɔ+ asiesie ne ho.
10 O ɔbabaa, tie, na yɛ aso;
Yi w’adwene firi wo nkurɔfoɔ ne wo papa fie so.
12 Tiro babaa de akyɛdeɛ bɛba;
Adefoɔ mu adefoɔ bɛhwehwɛ w’anim adom.
14 Sɛ wɔde no rebrɛ ɔhene no a, wɔbɛhyɛ no ntaadeɛ a wɔanwene no fɛfɛɛfɛ.
Wɔde mmaabunu a wɔka ne ho bɛbrɛ wo.
15 Ahurisie ne anigyeɛ mu na wɔde wɔn bɛba;
Wɔbɛwura ɔhene ahemfie.
16 Wo mma bɛsi w’agyanom ananmu,
Na wobɛyi wɔn ama wɔayɛ mpanimfoɔ wɔ asaase nyinaa so.+
17 Mɛma wɔahu wo din wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba nyinaa mu.+
Ɛno nti na aman bɛyi wo ayɛ daa daa no.