Yesaia 11:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔbɛbu atɛn turodoo* ama ahiafoɔ,Na ɔde tenenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefoɔ. Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+Na ɔde n’anom home* akum abɔnefoɔ.+ Yeremia 33:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Saa nna no mu ne saa berɛ no, mɛma tenenee dua bi afefɛ* ama Dawid,+ na ɔbɛbu atɛntenenee na wayɛ adetenenee wɔ asaase no so.+ Hebrifoɔ 1:8, 9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso Ɔba no deɛ, ɔka ne ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahennwa+ daa daa, na w’Ahennie poma yɛ atɛntenenee* ahempoma. 9 Wodɔɔ adetenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa wo+ senee wo mfɛfoɔ no.”+
4 Ɔbɛbu atɛn turodoo* ama ahiafoɔ,Na ɔde tenenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefoɔ. Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+Na ɔde n’anom home* akum abɔnefoɔ.+
15 Saa nna no mu ne saa berɛ no, mɛma tenenee dua bi afefɛ* ama Dawid,+ na ɔbɛbu atɛntenenee na wayɛ adetenenee wɔ asaase no so.+
8 Nanso Ɔba no deɛ, ɔka ne ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahennwa+ daa daa, na w’Ahennie poma yɛ atɛntenenee* ahempoma. 9 Wodɔɔ adetenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa wo+ senee wo mfɛfoɔ no.”+