Dwom
Ayeyi dwom. Dwom a wɔde hyiraa ɛdan no so. Dawid dwom.
2 O Yehowa me Nyankopɔn, mesu frɛɛ wo, na wosaa me yareɛ.+
3 O Yehowa, woayi me* afiri Adamena* mu;+
Woama matena nkwa mu; woamma mankɔtɔ amena* mu.+
4 Yehowa anokwafoɔ nyinaa, monto ayeyi nnwom* mma no,+
Monyi ne din* kronkron no ayɛ,+
5 Ɛfiri sɛ n’abufuo nkyɛ wɔ onipa so,+
Na n’adom deɛ, ɛtena hɔ afebɔɔ.+
Sɛ onipa su anwummerɛ mpo a, anɔpa ɔbɛdi ahurisie.+
6 Berɛ a nneɛma rekɔ yie no, mekaa sɛ:
“Merenhinhim ara da.”
7 O Yehowa, berɛ a meda w’akoma so* no, womaa metimii sɛ bepɔ.+
Nanso berɛ a wode w’anim hintaeɛ no, mebɔɔ hu.+
9 Sɛ mekɔ amena* mu a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me wuo* so?+
Dɔteɛ bɛtumi ayi wo ayɛ?+ Ɛbɛtumi aka wo nokorɛdie akyerɛ nkurɔfoɔ anaa?+
10 Yehowa, tie me ɛ, na dom me.+
O Yehowa, boa me.+
11 Woama m’awerɛhoɔ adane asa;
Woayi me ho awerɛhoɔ ntoma,* na wode ahurisie afira me;
12 Ɛno nti mɛto ayeyi nnwom ama wo, na merenyɛ komm.
O Yehowa me Nyankopɔn, mɛyi wo ayɛ daa.