Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Korintofoɔ 14
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofoɔ Mu Nsɛntitire

      • Nkɔmhyɛ ne kasa hodoɔ akyɛdeɛ (1-25)

      • Momma Kristofoɔ nhyiamu nkɔ so ne kwan so, ne kwan so (26-40)

        • Mmaa gyinabea wɔ asafo no mu (34, 35)

1 Korintofoɔ 14:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “monkɔ so mfa nsi ne ahokeka.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 5:20

1 Korintofoɔ 14:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:5
  • +1Ko 13:2

1 Korintofoɔ 14:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 12:30
  • +Yoe 2:28; Aso 2:17; 21:8, 9

1 Korintofoɔ 14:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 1:11, 12; 2:2
  • +1Ko 12:8

1 Korintofoɔ 14:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 12:7; 14:4, 26

1 Korintofoɔ 14:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 12:8, 10; 14:5

1 Korintofoɔ 14:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “me nteaseɛ.”

  • *

    Anaa “mɛtumi de m’ano akyerɛkyerɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:4

1 Korintofoɔ 14:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 4:14
  • +Ro 16:19
  • +Heb 5:13, 14

1 Korintofoɔ 14:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “kasa.”

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 28:11, 12

1 Korintofoɔ 14:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:4, 13

1 Korintofoɔ 14:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 45:14; Sak 8:23

1 Korintofoɔ 14:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 12:8, 10

1 Korintofoɔ 14:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:5

1 Korintofoɔ 14:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:1

1 Korintofoɔ 14:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 10:24, 25

1 Korintofoɔ 14:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:40; Kol 2:5

1 Korintofoɔ 14:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ti 2:11, 12
  • +1Ko 11:3; Efe 5:22; Kol 3:18; Tit 2:5; 1Pe 3:1

1 Korintofoɔ 14:38

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Na sɛ obi bu n’ani gu so a, momma no nyɛ sɛdeɛ ɔteɛ no ara.”

1 Korintofoɔ 14:39

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 5:20
  • +1Ko 14:27

1 Korintofoɔ 14:40

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “a nhyehyɛeɛ da ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:33; Kol 2:5

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 14:11Te 5:20
1 Kor. 14:21Ko 14:5
1 Kor. 14:21Ko 13:2
1 Kor. 14:51Ko 12:30
1 Kor. 14:5Yoe 2:28; Aso 2:17; 21:8, 9
1 Kor. 14:6Ga 1:11, 12; 2:2
1 Kor. 14:61Ko 12:8
1 Kor. 14:121Ko 12:7; 14:4, 26
1 Kor. 14:131Ko 12:8, 10; 14:5
1 Kor. 14:191Ko 14:4
1 Kor. 14:20Efe 4:14
1 Kor. 14:20Ro 16:19
1 Kor. 14:20Heb 5:13, 14
1 Kor. 14:21Yes 28:11, 12
1 Kor. 14:22Aso 2:4, 13
1 Kor. 14:25Yes 45:14; Sak 8:23
1 Kor. 14:261Ko 12:8, 10
1 Kor. 14:271Ko 14:5
1 Kor. 14:29Aso 13:1
1 Kor. 14:31Heb 10:24, 25
1 Kor. 14:331Ko 14:40; Kol 2:5
1 Kor. 14:341Ti 2:11, 12
1 Kor. 14:341Ko 11:3; Efe 5:22; Kol 3:18; Tit 2:5; 1Pe 3:1
1 Kor. 14:391Te 5:20
1 Kor. 14:391Ko 14:27
1 Kor. 14:401Ko 14:33; Kol 2:5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Korintofoɔ 14:1-40

Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ

14 Monhwehwɛ ɔdɔ, nanso monkɔ so nyere mo ho* nhwehwɛ honhom mu akyɛdeɛ no dendeenden, na sɛ ɛbɛyɛ yie a, monhyɛ nkɔm.+ 2 Ɛfiri sɛ deɛ ɔka kasa foforɔ no, ɛnyɛ nnipa na ɔka kyerɛ wɔn; ɔka kyerɛ Onyankopɔn, na obiara nte aseɛ.+ Mmom ɔnam honhom no so ka ahintasɛm kronkron.+ 3 Nanso deɛ ɔhyɛ nkɔm no, ɔde ne kasa hyɛ nnipa den, ɔde hyɛ wɔn nkuran, na ɔde kyekye wɔn werɛ. 4 Deɛ ɔka kasa foforɔ no, ɔhyɛ ɔno ara ne ho den, na deɛ ɔhyɛ nkɔm deɛ, ɔhyɛ asafo no den. 5 Menyaeɛ a, anka mo nyinaa ka kasa foforɔ,+ nanso mepɛ sɛ mohyɛ nkɔm+ mmom. Nokwasɛm ne sɛ, deɛ ɔhyɛ nkɔm no, ɔkyɛn deɛ ɔka kasa foforɔ, gye sɛ ɔkyerɛ aseɛ ma no hyɛ asafo no den. 6 Nanso anuanom, seesei sɛ meba mo nkyɛn, na meka kasa foforɔ kyerɛ mo, na sɛ mankasa ankyerɛ mo wɔ yikyerɛ+ anaa nimdeɛ+ anaa nkɔmhyɛ anaa ɔkyerɛkyerɛ mu a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya afiri me hɔ?

7 Ɛte sɛ nneɛma a nkwa nnim a ɛwɔ nnyegyeeɛ, te sɛ atɛntɛbɛn anaa sankuo. Sɛ nsonsonoeɛ biara amma nnyegyeeɛ no mu a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhunu deɛ wɔrebɔ no atɛntɛbɛn so ne deɛ wɔrebɔ no sankuo so? 8 Na sɛ totorobɛnto no annyegye yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔko? 9 Saa ara na mo nso, sɛ moamfa kɛtrɛma no anka asɛm a nteaseɛ wom a, ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte deɛ moreka no ase? Ɛbɛyɛ te sɛ deɛ morekasa gu mframa mu kwa. 10 Kasa ahodoɔ ahodoɔ pii na ebia ɛwɔ wiase, nanso emu biara wɔ deɛ ɛkyerɛ. 11 Na sɛ mente kasa no ase a, deɛ ɔrekasa no bɛbu me sɛ meyɛ hɔhoɔ, na me nso mɛbu deɛ ɔrekasa no sɛ ɔyɛ hɔhoɔ. 12 Saa ara na mo nso, ɛsiane sɛ mopɛ honhom akyɛdeɛ no dendeenden nti, akyɛdeɛ a ɛbɛma asafo no anya nkɔsoɔ no, mommɔ mmɔden sɛ mobɛnya ama no aboro so.+

13 Enti ma deɛ ɔka kasa foforɔ no mmɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ.+ 14 Na sɛ mede kasa foforɔ bi rebɔ mpaeɛ a, ɛyɛ honhom akyɛdeɛ a wɔde ama me no na ɛrebɔ mpaeɛ no, na m’adwene deɛ, ɛnyɛ hwee. 15 Ɛnneɛ deɛn na menyɛ? Mede honhom akyɛdeɛ no bɛbɔ mpaeɛ, na mede m’adwene nso abɔ mpaeɛ. Mede honhom akyɛdeɛ no bɛto dwom, na mede m’adwene nso ato dwom. 16 Anyɛ saa na wode honhom akyɛdeɛ no yi ayɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ mo mu agye w’aseda mpaebɔ no so sɛ “Amen,” berɛ a ɔnnim deɛ woreka no? 17 Ɛwom, woreda ase yie deɛ, nanso ɛnhyɛ onipa no den. 18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa hodoɔ pii sene mo nyinaa. 19 Nanso asafo no mu deɛ, anka mepɛ sɛ mede m’adwene* ka nsɛm nnum sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi akyerɛkyerɛ* afoforɔ sene sɛ mɛka nsɛm mpem du wɔ kasa bi mu.+

20 Anuanom, monnyɛ mo ho sɛ mmɔfra wɔ nteaseɛ mu,+ na bɔne ho deɛ, monyɛ mo ho sɛ mmɔfra;+ na monyɛ nnipa a wɔanyini yie wɔ nteaseɛ mu.+ 21 Wɔatwerɛ no Mmara no mu sɛ: “‘Mede ahɔhoɔ kɛtrɛma* ne ahɔhoɔ ano bɛkasa akyerɛ ɔman yi, nanso ɛno mpo wɔrentie me,’ Yehowa* na aka.”+ 22 Enti kasa hodoɔ yɛ sɛnkyerɛnne ma wɔn a wɔnnye nnie, ɛnyɛ agyidifoɔ.+ Na nkɔmhyɛ deɛ, ɛyɛ agyidifoɔ dea, ɛnyɛ wɔn a wɔnnye nnie dea. 23 Enti sɛ asafo mũ no nyinaa bɛhyia faako, na wɔn nyinaa ka kasa hodoɔ, na nnipa foforɔ anaasɛ wɔn a wɔnnye nnie ba bi a, wɔrenka sɛ moabobɔ adam anaa? 24 Nanso sɛ mo nyinaa rehyɛ nkɔm, na sɛ obi a ɔnnye nnie anaasɛ onipa foforɔ ba bi a, mo nyinaa mo nsɛm no bɛkasa akyerɛ no, na ɛbɛma no ato ne bo ase ahwehwɛ ne mu. 25 Ɛba saa a, ɛbɛma deɛ ɛwɔ n’akomam ada adi, na ɔde n’anim bɛbutu fam asom Onyankopɔn, na waka sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.”+

26 Enti anuanom, ɛdeɛn na mobɛyɛ? Sɛ mohyiam a, obi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ yikyerɛ, obi wɔ kasa foforɔ, ɛnna obi nso wɔ nkyerɛaseɛ.+ Momma biribiara nyɛ deɛ ɛhyɛ den. 27 Na sɛ obi ka kasa foforɔ a, momma no nyɛ nnipa mmienu, anaa aboro so ara, mmiɛnsa. Wɔnka no nnidisoɔ nnidisoɔ, na ɛsɛ sɛ obi kyerɛ aseɛ.+ 28 Na sɛ obi a ɔbɛkyerɛ aseɛ nni hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔmua n’ano wɔ asafo no mu, na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn. 29 Momma adiyifoɔ mmienu anaa mmiɛnsa+ nkasa, na momma wɔn a aka no nhunu deɛ ɛkyerɛ. 30 Nanso sɛ obi foforɔ te hɔ na ɔnya yikyerɛ a, momma deɛ wadi kan rekasa no mmua n’ano. 31 Na mo nyinaa bɛtumi ahyɛ nkɔm, wei wie a, na wei nso ahyɛ ne deɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛsua biribi, na ahyɛ obiara nkuran.+ 32 Ɛsɛ sɛ adiyifoɔ no hyɛ wɔn honhom akyɛdeɛ no so. 33 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ asomdwoeɛ Nyankopɔn.+

Sɛdeɛ ɛteɛ wɔ akronkronfoɔ asafo nyinaa mu no, 34 momma mmaa mmua wɔn ano wɔ asafo no mu, ɛfiri sɛ wɔnni hokwan sɛ wɔkasa.+ Mmom momma wɔmmrɛ wɔn ho ase,+ sɛdeɛ Mmara no nso ka no. 35 Sɛ wɔpɛ sɛ wɔsua biribi a, wɔmmisa wɔn kununom wɔ fie, ɛfiri sɛ ɛyɛ aniwu sɛ ɔbaa bɛkasa wɔ asafo no mu.

36 Mo mu na Onyankopɔn asɛm no firi baeɛ anaa? Anaa mo nko ara na wɔde maa mo?

37 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa ɔwɔ honhom akyɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔgye tom sɛ deɛ meretwerɛ mo yi yɛ Awurade ahyɛdeɛ. 38 Na sɛ obi annye wei antom a, ɔno nso wɔrennye no ntom.* 39 Enti me nuanom, monyere mo ho sɛ mobɛhyɛ nkɔm,+ nanso ɛnsɛ sɛ mobara kasa foforɔ.+ 40 Na mmom momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ, ne kwan so, ne kwan so.*+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane