Amos
7 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa yi kyerɛɛ me nie: Hwɛ! Berɛ a aba a ɛdi akyire* no firii aseɛ sɛ ɛrefifi no, ɔmaa ntutummɛ bebree bae. Wei yɛ aba a ɛdi akyire a na wɔdua berɛ a wɔatwa ɔhene serɛ a ɔde ma ne mmoa awie no. 2 Na berɛ a ntutummɛ no wee asaase no so afifideɛ wieeɛ no, mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, mepa wo kyɛw, fa kyɛ wɔn!+ Yakob bɛyɛ dɛn atena ase?* Ɔnni ahoɔden!”+
3 Ɛno nti, Yehowa sesaa n’adwene.*+ Na Yehowa kaa sɛ, “Ɛrennya mma.”
4 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa yi kyerɛɛ me nie: Hwɛ! Awurade Tumfoɔ Yehowa de egya twee ne man aso. Ɛmaa ebunu kɛseɛ no mu nsuo nyinaa wee, na ɛhyee asaase no fã bi. 5 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, mepa wo kyɛw, mma wei mmma!+ Yakob bɛyɛ dɛn atena ase?* Ɔnni ahoɔden!”+
6 Ɛno nti, Yehowa sesaa n’adwene.*+ Na Awurade Tumfoɔ Yehowa kaa sɛ, “Ɛno nso rennya mma.”
7 Wei na ɔyi kyerɛɛ me: Hwɛ! Ná Yehowa gyina ɔfasuo bi so. Ná ɛyɛ ɔfasuo a wɔde prumo* ato ho asi, na na prumo hyɛ ne nsam. 8 Afei Yehowa bisaa me sɛ: “Amos, ɛdeɛn na wohunu yi?” Ɛnna mekaa sɛ: “Ɛyɛ prumo.” Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, mede prumo rebɛto me man Israel ho. Meremfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn bio.+ 9 Isak sorɔnsorɔmmea* nyinaa+ bɛsɛe pasaa na Israel kronkronbea bɛsɛesɛe;+ na mede sekan bɛba Yeroboam fie so.”+
10 Ɛnna Betel sɔfoɔ Amasia+ soma kɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Israel hene Yeroboam+ sɛ: “Amos rebɔ wo ho pɔ wɔ Israel fie pɛɛ.+ Ne nsɛm no nyinaa ano yɛ den ma asaase no.+ 11 Na deɛ Amos aka nie, ‘Sekan na wɔde bɛkum Yeroboam, na deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛtu Israel afiri n’asaase so akɔ obi man so.’”+
12 Ɛnna Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: “O ɔdehunufoɔ, kɔ, dwane kɔ Yuda asaase so; kɔpɛ w’ano aduane* wɔ hɔ, na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.+ 13 Na nhyɛ nkɔm wɔ Betel ha bio,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene tenabea kronkron+ ne abankɛseɛ mu.”*
14 Ɛnna Amos ka kyerɛɛ Amasia sɛ: “Ná menyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ ba; mmom na mehwɛ mmoa,+ na na meyɛ borɔdɔma ho adwuma.* 15 Nanso Yehowa maa megyaee mmoa no hwɛ, na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ, na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.’+ 16 Enti afei tie deɛ Yehowa aka: ‘Woreka sɛ, “Nhyɛ nkɔm ntia Israel,+ na nka asɛm biara+ ntia Isak fie.” 17 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Wo yere bɛyɛ tuutuuni wɔ kuro no mu. Na wɔde sekan bɛkunkum wo mma mmarima ne wo mma mmaa. Na wɔbɛtwe susuhoma ato w’asaase so akyɛ afa. Na wo deɛ, wobɛwu wɔ asaase a ɛho nteɛ so, na deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛtu Israel afiri n’asaase so akɔ obi man so.”’”+