Dwom
Ma memfa m’akoma* nyinaa nyi Yehowa ayɛ.+
2 Mɛyi Yehowa ayɛ me nkwa nna nyinaa.
Mete nkwa mu yi deɛ, mɛto dwom* ama me Nyankopɔn.
5 Anigyeɛ ne onipa a ne boafoɔ ne Yakob Nyankopɔn,+
Na n’anidasoɔ ne Yehowa, ne Nyankopɔn,+
6 Deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne ɛhɔ nneɛma, asaase ne ɛso nneɛma,
Ne ɛpo ne emu nneɛma nyinaa no;+
Ɔno na ɔdi nokorɛ berɛ nyinaa,+
7 Ɔno na ɔbu atɛn ma wɔn a nkurɔfoɔ sisi wɔn
Yehowa na ɔyi wɔn a wɔda afiase.*+
Yehowa dɔ ateneneefoɔ.
Monyi Yah ayɛ!*