Dwom
Dawid miktam.*
16 Onyankopɔn, bɔ me ho ban, ɛfiri sɛ mede wo ayɛ me dwankɔbea.+
2 Maka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone Yehowa; adepa biara a menya no, wo nkyɛn na ɛfire.
4 Wɔn a wɔdi anyame foforɔ akyi no, wɔn yeadie dɔɔso.+
Mogya a wɔde yɛ afɔrebɔ nsã no, merenhwie bi da,
Na meremmɔ wɔn din nso.+
5 Yehowa ne me kyɛfa a wɔasusu ama me,+ ne me kuruwa.+
Wo na wobɔ m’agyapadeɛ ho ban.
6 Wɔatwa deɛ ɛhɔ yɛ ama me.
M’ani sɔ m’agyapadeɛ sɛ.+
7 Mɛyi Yehowa ayɛ; ɔno na wama me afotuo.+
Anadwo, me tirim adwene* tene me so.+
8 Mede Yehowa asi m’anim daa.+
Ɔwɔ me nsa nifa, enti merenhinhim da biara da.+
9 Ɛno nti m’akoma ne me nipadua nyinaa* di ahurisie.
Na mete hɔ* dwoodwoo.
10 Na worennya me* wɔ Adamena* mu.+
Woremma deɛ ɔdi nokorɛ ma wo no nka* amena mu.*+
Ahurisidie kɛseɛ wɔ w’anim;
Anigyeɛ wɔ wo nifa so daa.+