-
Asomafoɔ Nnwuma 13:34-37Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
34 Nyane a Ɔnyanee no firii awufoɔ mu a ɛremma bio sɛ ɔbɛsan akɔ porɔeɛ mu no, Waka ho asɛm saa kwan yi so sɛ: ‘Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a mehyɛɛ Dawid bɔ sɛ mɛda no adi akyerɛ no no, ɛno na mɛhwɛ ho ahyira mo; sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛba mu.’*+ 35 Wɔasan aka no dwom foforo mu sɛ: ‘Woremma deɛ ɔdi nokorɛ ma wo no mporɔ.’*+ 36 Na Dawid deɛ, ɔsom Onyankopɔn wɔ ɔno ara n’awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ɔwuiɛ,* na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, na ɔporɔeɛ.*+ 37 Nanso deɛ Onyankopɔn nyanee no no deɛ, wamporɔ.*+
-