Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
12 Afei Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: “Deɛ moka kyerɛɛ me nyinaa mayɛ,* na mayi ɔhene a ɔbɛdi mo so.+ 2 Ɔhene a ɔbɛdi mo anim no nie!+ Me deɛ, mabɔ akɔkoraa na mafu dwene, na me mma nso, wɔne mo na ɛwɔ ha yi;+ ɛfiri me mmɔfraase na madi mo anim abɛsi nnɛ.+ 3 Me na megyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne deɛ wasra no+ yi anim: Hwan nantwie anaa n’afunumu na magye?+ Hwan na masisi no anaa mahyɛ ne so? Hwan nsam na magye adanmudeɛ* de akyea atemmuo?+ Sɛ mayɛ biribi saa a, monka na mɛtua ka.”+ 4 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Wonsisii yɛn, na wonhyɛɛ yɛn so. Wonnyee hwee nso mfirii obiara hɔ.” 5 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ Yehowa ne me danseni wɔ mo anim, na deɛ wasra no yi nso yɛ me danseni sɛ moannya me ho asɛm biara.”* Ɛnna wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ wo danseni.”
6 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Yehowa a ɔyii Mose ne Aaron, na ɔyii mo agyanom firii Egypt asaase so+ no, ɔno ne me danseni. 7 Enti afei monnyinagyina ha, na adetenenee a Yehowa ayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa nti, memmu mo atɛn wɔ Yehowa anim.
8 “Berɛ a Yakob baa Egypt,+ na mo agyanom firii aseɛ su frɛɛ Yehowa+ ara pɛ, Yehowa somaa Mose+ ne Aaron maa wɔdii mo agyanom anim firii Egypt de wɔn bɛtenaa ha.+ 9 Nanso wɔn werɛ fii Yehowa, wɔn Nyankopɔn, enti ɔtɔn wɔn+ maa Hasor sahene Sisera+ ne Filistifoɔ+ ne Moab hene,+ na wɔne wɔn koeɛ. 10 Ɛnna wɔsu frɛɛ Yehowa+ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ na yɛagya Yehowa akɔsom Baal anyame+ ne Astoret+ ahoni. Afei gye yɛn firi yɛn atamfo nsam na yɛnsom wo.’ 11 Na Yehowa somaa Yerubaal+ ne Bedan ne Yefta+ ne Samuel,+ na ɔgyee mo firii mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia nsam ma motenaa ase dwoodwoo.+ 12 Berɛ a mohuu sɛ Ammonfoɔ hene Nahas+ aba mo so no, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Daabi, yɛn deɛ, ɔhene ara na yɛpɛ!’+ Nanso saa berɛ no, na Yehowa, mo Nyankopɔn na ɔyɛ mo Hene.+ 13 Enti afei ɔhene a moayi no, deɛ mobisaeɛ no nie. Hwɛ! Yehowa asi mo so hene.+ 14 Sɛ mosuro Yehowa+ na mosom no,+ na motie ne nne,+ na modi Yehowa ahyɛdeɛ so, na mo ne ɔhene a ɔbɛdi mo so no nyinaa di Yehowa, mo Nyankopɔn ahyɛdeɛ so a, ɛbɛsi mo yie. 15 Nanso sɛ moantie Yehowa nne na mobu Yehowa ahyɛdeɛ so a, Yehowa nsa bɛba mo ne mo agyanom so.+ 16 Afei monnyinagyina ha na monhwɛ ade kɛseɛ a Yehowa rebɛyɛ wɔ mo anim yi. 17 Ɛnyɛ hwiit twa berɛ mu na yɛwɔ yi? Mɛsrɛ Yehowa na wama aprannaa abobom na nsuo atɔ; na mobɛhu sɛ ɔhene a mobisaeɛ nti, moayɛ bɔne kɛseɛ wɔ Yehowa ani so.”+
18 Ɛnna Samuel srɛɛ Yehowa, na Yehowa maa aprannaa boboom na nsuo tɔɔ saa da no, enti ɔman no nyinaa suroo Yehowa ne Samuel paa. 19 Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Bɔ Yehowa, wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa,+ na yɛmpɛ sɛ yɛwuwu, ɛfiri sɛ yɛn bɔne nyinaa akyi no, yɛasan ayɛ bɔne kɛseɛ aka sɛ yɛpɛ ɔhene.”
20 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monnsuro. Bɔne no deɛ, moanya ayɛ. Nanso monhwɛ na moamfiri Yehowa akyi,+ na mmom momfa mo akoma nyinaa nsom Yehowa.+ 21 Monhwɛ na moankɔdi ahuhudeɛ* akyi;+ mfasoɔ biara nni so,+ na ɛntumi nnye nkwa, ɛfiri sɛ ɛyɛ ahuhudeɛ.* 22 Na Yehowa din kɛseɛ no nti,+ ɔrennya ne man,+ ɛfiri sɛ Yehowa asi ne bo sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.+ 23 Na me nso, ɛmpare me sɛ mɛyɛ Yehowa bɔne aka sɛ meremmɔ mpaeɛ mma mo bio. Mɛkɔ so akyerɛ mo deɛ ɛyɛ ne ɔkwampa a mobɛfa so. 24 Mo deɛ ara ne sɛ mobɛsuro Yehowa+ na mode mo akoma nyinaa asom no wɔ nokorɛdie mu; monkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama mo no.+ 25 Nanso sɛ mosi mo bo sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnneɛ mo ne mo hene nyinaa,+ wɔbɛpra mo akɔ.”+