Petro Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
2 Ne nyinaa mu no, atorɔ adiyifoɔ nso sɔree wɔn mu, na saa ara na akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ bɛsɔre mo mu.+ Wɔbɛwiawia wɔn ho abɛtete akuo a ɛdi awuo, na wɔbɛka sɛ wɔnnim wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn+ no mpo, na wɔn ankasa de ɔsɛeɛ bɛba wɔn ho so ntɛm. 2 Bio nso, nnipa pii bɛbɔ ahohwibra,*+ na wɔn nti nkurɔfoɔ bɛka nokorɛ kwan no ho nsɛmmɔne.+ 3 Afei aniberɛ nti, wɔnam adɛfɛdɛfɛsɛm so bɛdidi mo ho. Nanso wɔn atemmuo a ɛda hɔ retwɛn wɔn firi tete+ no, ɛrenka akyi, na wɔn sɛeɛ bɛba ɛkwan biara so.*+
4 Nokorɛm, Onyankopɔn amma abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne+ no amfa wɔn ho anni; mmom ɔtoo wɔn guu Tartarus,*+ na ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree wɔn guu sum kabii mu* de wɔn sie maa atemmuo.+ 5 Na wamma tete wiase no amfa wɔn ho anni;+ mmom berɛ a ɔde nsuyire bɛsɛee amumuyɛfoɔ wiase no,+ ɔkoraa Noa a ɔkaa tenenee ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ+ no ne nnipa nson+ so. 6 Ɔmaa Sodom ne Gomora nkuro no danee nsõ de buu wɔn fɔ,+ na ɛbɛyɛɛ deɛ ɛbɛba daakye ho sɛnnahɔ maa amumuyɛfoɔ.+ 7 Na ɔgyee ɔteneneeni Lot+ a mmaratofoɔ no ahohwibra* maa ne ho hiahiaa no no, 8 ɛfiri sɛ da biara da, nneɛma bɔne a ɔteneneeni yi hunuiɛ na ɔtee berɛ a ɔte wɔn mu no maa ne kra* a ɛtene no ho yeraa no. 9 Weinom nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa* nim sɛdeɛ ɔbɛgye wɔn a wɔde onyamesom pa tena ase no afiri sɔhwɛ mu+ na wakora abɔnefoɔ so ama atemmuo da na wasɛe wɔn,*+ 10 ne titire no, wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma sɛ wɔbɛgu nkurɔfoɔ ho fĩ+ na wɔbu tumidie animtia*+ no.
Wɔyɛ aniɛdenfoɔ, na wɔdi wɔn koko so asɛm; wɔnsuro animuonyamfoɔ, na mmom wɔka wɔn ho nsɛmmɔne, 11 nanso abɔfoɔ a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sene wɔn mpo mfa kasatia mmu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔwɔ obuo ma Yehowa.*+ 12 Saa mmarima yi deɛ, wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a atenka na wɔde yɛ adeɛ; wɔn deɛ ara ne sɛ wɔbɛwo wɔn ama wɔakye wɔn aku wɔn. Mmarima yi kasa tia nneɛma a wɔnnim.+ Ɔsɛeɛ kwan a wɔn ankasa nam so no, ɛno ara na ɛde ɔsɛeɛ bɛbrɛ wɔn, 13 na wɔbɛnya wɔn kwammɔne so akatua.
Afɛfɛdeɛ a wɔde bɛgyegye wɔn ani awia ketee na wɔn ani gye ho.+ Wɔyɛ nkekaeɛ ne dɛm wɔ mo mu, na deɛ ɛyɛ wɔn dɛ* ara ne sɛ berɛ a wɔne mo bom didi no, wɔde atorɔ nkyerɛkyerɛ bɛdaadaa mo.+ 14 Wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no ma,+ na wɔntumi nkwati bɔne, na wɔto wɔn* a wɔn ase ntimiiɛ no bradɛ. Aniberɛ ahyɛ wɔn akoma ma. Wɔyɛ mma a wɔadome wɔn. 15 Wɔafiri ɛkwan a ɛyɛ tẽẽ no so; wɔadaadaa wɔn. Wɔafa Beor ba Baalam+ kwan so; ɔno na na ɔreyɛ bɔne de apɛ akatua,+ 16 nanso wɔdaa ne mmarato adi kyerɛɛ no.+ Aboa a ɔntumi nkasa de onipa nne kasaeɛ, na ɔsii odiyifoɔ no nkwaseasɛm no kwan.+
17 Weinom yɛ asubura a nsuo nnim ne suwisie a ahum kɛseɛ bɔ no; wɔakora esum kabii so ama wɔn.+ 18 Wɔkeka nsɛm akɛseɛ a mfasoɔ biara nni so, na wɔde ɔhonam akɔnnɔ+ to nkurɔfoɔ bradɛ, na wɔbɔ ahohwibra* de twetwe wɔn a afei na wɔatete wɔn ho afiri nnebɔneyɛfoɔ ho no.+ 19 Wɔhyɛ wɔn bɔ sɛ wɔbɛma wɔade wɔn ho, nanso wɔn ankasa yɛ ɔporɔ nkoa;+ ɛfiri sɛ sɛ obi di ɔfoforo so a, onii no bɛyɛ n’akoa.*+ 20 Asɛm no ne sɛ, berɛ a wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nokorɛ nimdeɛ so atete wɔn ho afiri wiase no fĩ ho+ no, sɛ wɔsan de wɔn ho kɔhyɛ nneɛma korɔ no ara mu ma no de wɔn yɛ nkoa a, ɛma wɔn tebea no sɛe koraa sene kane deɛ no.+ 21 Sɛ wɔnnim tenenee kwan no a, anka ɛyɛ mmom sene sɛ wɔabɛhunu na afei wɔatwe wɔn ho afiri ahyɛdeɛ kronkron a wɔn nsa aka no ho.+ 22 Wɔma bɛ yi yɛ nokorɛ sɛ: “Kraman asan kɔ ne feɛ ho, na prako a wɔadware no asan akɔyantam atɛkyɛ mu.”+