12 “Efraim aduane ne mframa.
Apueeɛ mframa akyi na ɔdi daa.
Wama atorɔ ne awudisɛm adɔɔso.
Wɔne Asiria yɛ apam,+ na wɔde ngo kɔ Egypt.+
2 Yehowa ne Yuda anya asɛm;+
Ɔbɛma Yakob abu n’akwan ho akonta,
Na ɔbɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+
3 Yafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin,+
Na ɔde n’ahoɔden ne Onyankopɔn peree so.+
4 Ɔne ɔbɔfoɔ peree so kɔsii sɛ ɔdii nkonim.
Ɔsui, na ɔpaa no kyɛw sɛ ɔnhyira no.”+
Ɔhuu no wɔ Betel, na ɛhɔ na Ɔne yɛn kasaeɛ.+
5 Yehowa yɛ asafo Nyankopɔn,+
Yehowa ne edin a wɔde kae no.+
6 “Enti san bra wo Nyankopɔn nkyɛn.+
Kɔ so da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne atɛntenenee adi,+
Na fa w’ani to wo Nyankopɔn so daa.
7 Atorɔ nsenia wɔ odwadini nsam;
Asisie yɛ no dɛ.+
8 Efraim keka sɛ, ‘Manya me ho tam;+
Manya ahodeɛ pii.+
Na me brɛ nyinaa mu, wɔbɛhunu sɛ manni mfomsoɔ, na manyɛ bɔne biara.’
9 Mene Yehowa wo Nyankopɔn firi Egypt asaase so.+
Mɛsan ama woatena ntomadan mu
Te sɛ nna a wɔahyɛ no.
10 Me ne adiyifoɔ no kasae,+
Memaa wɔn anisoadehunu dɔɔso,
Na menam adiyifoɔ so yɛɛ mfatoho pii.
11 Nnaadaa ne atosɛm aba Gilead.+
Wɔde anantwie abɔ afɔreɛ wɔ Gilgal,+
Na wɔn afɔrebukyia te sɛ aboɔ a ɛsum afuo mu nkofie so.+
12 Yakob dwane kɔɔ Aram asaase so,+
Na ɔyere nti,+ Israel+ somee wɔ hɔ,
Ɔyere nti, ɔhwɛɛ nnwan.+
13 Yehowa nam odiyifoɔ so yii Israel firii Egypt,+
Na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ ne so.+
14 Efraim ahyɛ Onyankopɔn abufuo paa;+
Ne mogyahwieguo aka ne so;
N’animguaseɛ nti, ne Wura bɛtua no ka.”+