24 Mma w’ani mmmere abɔnefoɔ,
Na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛbɔ.+
2 Ɛfiri sɛ wɔn akoma dwene awudisɛm ho,
Na wɔn ano keka mmusuo.
3 Nyansa na wɔde si fie,+
Na nhunumu na ɛma ɛgyina.
4 Nimdeɛ na wɔde nya nneɛma hyɛ emu adan ma,
Nneɛma a ɛsom bo ne afɛfɛdeɛ nyinaa bi.+
5 Onyansafoɔ ho yɛ den,+
Na nimdeɛ ma onipa ahoɔden dɔɔso.
6 Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo ko,+
Na afotufoɔ dodoɔ mu na nkonimdie wɔ.+
7 Kwasea deɛ, ne nsa ntumi nka nyansa;+
Ɔnni hwee ka wɔ kuro pono ano.
8 Obiara a ɔbɔ pɔ bɔne no,
Wɔbɛfrɛ no adwemmɔnefoɔ hene.+
9 Nkwaseadwene yɛ bɔne,
Na nkurɔfoɔ kyiri fɛdifoɔ.+
10 Sɛ w’aba mu bu amanehunu da mu a,
W’ahoɔden bɛyɛ ketewaa bi.
11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ owuo mu,
Na gye wɔn a wɔrehinhim wɔ okum kwan so no.+
12 Sɛ woka sɛ: “O, na yɛnnim” a,
Deɛ Ɔhwehwɛ akoma mu no renhunu anaa?+
Aane, Deɛ n’ani hwɛ wo no bɛhunu,
Na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+
13 Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ;
Ɛwoɔ a ɛfiri ɛwoɔkyɛm mu yɛ dɛ paa.
14 Saa ara na nyansa teɛ; hunu sɛ ɛyɛ ma wo.+
Sɛ wonya bi a, ɛbɛsi wo yie daakye,
Na wɔrentwa w’anidasoɔ ntwene.+
15 Nyɛ wo ho sɛ ɔbɔnefoɔ nkɔtɛ baabi a ɛbɛn ɔteneneeni fie;
Nsɛe baabi a ɔgye n’ahome.
16 Sɛ ɔteneneeni hwe ase mprɛ nson mpo a, ɔbɛsan asɔre;+
Na abɔnefoɔ deɛ, mmusuo bɛma wɔahwe ase.+
17 Sɛ wo tamfo hwe ase a, nni ahurisie,
Na sɛ biribi to no suntidua a, mma w’akoma ani nnnye.+
18 Anyɛ saa a, Yehowa bɛhunu, na n’ani rennye ho,
Na Ɔbɛdane n’abufuo afiri ne so.+
19 Mma wo bo mmfu ɛsiane abɔnefoɔ nti,
Na mma w’ani mmmere nnipabɔnefoɔ.
20 Ɛfiri sɛ anidasoɔ biara nni hɔ mma ɔbɔnefoɔ biara;+
Na wɔbɛdum abɔnefoɔ kanea.+
21 Me ba, suro Yehowa ne ɔhene,+
Na wo ne atuatefoɔ mmmɔ,+
22 Ɛfiri sɛ wɔn amanehunu bɛba prɛko pɛ.+
Hwan na ɔnim ɔsɛeɛ a wɔn mmienu de bɛba wɔn so?+
23 Saa nsɛm yi nso yɛ anyansafoɔ dea:
Atemmuo mu animhwɛ deɛ, ɛnyɛ.+
24 Obiara a ɔka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: “Woyɛ ɔteneneeni” no,+
Aman bɛdome no, na amanaman bɛbu no busuyɛni.
25 Na wɔn a wɔkasa kyerɛ no deɛ, ɛbɛsi wɔn yie;+
Wɔde nneɛma pa bɛhyira wɔn.+
26 Deɛ ɔma mmuaeɛ a ɛyɛ nokorɛ no, nkurɔfoɔ bɛfe n’ano.+
27 Yɛ w’abɔnten adwuma wie, na toto biribiara kama wɔ w’afuo mu;
Wowie a, na woasi wo fie.
28 Nni adanseɛ ntia wo yɔnko berɛ a wonni nnyinasoɔ biara.+
Mfa w’ano nnaadaa nkurɔfoɔ.+
29 Nka sɛ: “Deɛ wayɛ me no, saa ara na me nso mɛyɛ no;
Deɛ ɔyɛɛ me no, mɛyɛ no bi atua ka.”+
30 Metwaam wɔ kwadwofoɔ afuo ho,+
Na mekɔfaa ɔbarima a wagyimi bobefuo ho.
31 Mehuu sɛ nwura agye afa;
Nsansono afa aseɛ nyinaa,
Na aboɔ a wɔde agye ho ban no abubu.+
32 Mehwɛeɛ, na medwenee ho wɔ m’akomam;
Mehunuiɛ, na deɛ mesuaeɛ nie:
33 Mereda kakra, meretɔ nko kakra,
Merebobɔ me nsa ahome kakra;
34 Wode saa ara na wo hia aba sɛ korɔmfoɔ,
Na w’ahokyerɛ aba sɛ korɔmfo-werɛmfoɔ.+