Yohane Twerɛtohɔ
21 Wei akyi no, Yesu yii ne ho adi bio kyerɛɛ asuafoɔ no wɔ Tiberia Po ho. Sɛdeɛ ɔyii ne ho adi nie: 2 Ná Simon Petro ne Toma (a wɔfrɛ no Ata no)+ ne Natanael+ a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea no ne Sebedeo mma+ no ne Yesu asuafoɔ foforɔ mmienu wɔ hɔ. 3 Ɛnna Simon Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merekɔyi nam.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛne wo bɛkɔ.” Enti wɔpueeɛ, na wɔkɔtenaa kodoɔ mu, nanso saa anadwo no, wɔanyi nam baako mpo.+
4 Berɛ a adeɛ reyɛ akye no, Yesu bɛgyinaa ɛpo no ano, nanso asuafoɔ no anhunu sɛ ɛyɛ Yesu.+ 5 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: “Me mma, mowɔ biribi* di anaa?” Wɔbuaa no sɛ: “Daabi!” 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mongu asau no wɔ kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi.” Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no.+ 7 Na osuani a na Yesu dɔ no no+ ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ɛyɛ Awurade!” Berɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ n’ataadeɛ,* ɛfiri sɛ na ɔnhyɛ hwee,* na ɔtoo ne ho too po no mu. 8 Na asuafoɔ a aka no de kodoɔ ketewa no bae, na wɔtwee asau a mpataa ayɛ no ma no kaa wɔn ho bae, ɛfiri sɛ na wɔne asaase ntam kwan nware, bɛyɛ anammɔn 300* pɛ.
9 Berɛ a wɔbɛduruu mpoano no, wɔhuu sɛ wɔasɔ gya* de mpataa agu so, na na paanoo ka ho. 10 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mpataa a moyii no seesei ara no bi mmra.” 11 Ɛnna Simon Petro foroo kodoɔ no, na ɔtwee asau a mpataa akɛseɛ 153 ayɛ no ma no baa mpoano. Ná ɛdɔɔso paa deɛ, nanso asau no antete. 12 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛdi mo anɔpa aduane.” Na asuafoɔ no baako mpo annya akokoɔduro ammisa no sɛ: “Woyɛ hwan?” ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Yesu faa paanoo no de maa wɔn, na ɔde mpataa no nso maa wɔn. 14 Ɛfiri berɛ a wɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no, wei ne ne mprɛnsa+ so a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no.
15 Berɛ a wɔdii anɔpa aduane no wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me sene weinom anaa?” Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Aane, Awurade, wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nnwan mma aduane.”+ 16 Yesu bisaa no ne mprenu so sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Aane, Awurade, wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn me nnwan nkumaa.”+ 17 Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ: “Simon, Yohane ba, wopɛ m’asɛm anaa?” Petro werɛ hoo sɛ Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ: “Wopɛ m’asɛm?” Enti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, wonim nneɛma nyinaa; wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nnwan nkumaa aduane.+ 18 Nokorɛ, nokorɛ, meka kyerɛ wo sɛ, berɛ a woyɛ aberanteɛ no, na wo ara wohyɛ ataadeɛ nante kɔ baabiara a wopɛ. Nanso sɛ wobɔ akɔkoraa a, wobɛtene wo nsa, na obi de ataadeɛ ahyɛ wo, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ.” 19 Yesu kaa wei de kyerɛɛ owuo korɔ a Petro bɛwu de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. Berɛ a Yesu kaa wei wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Kɔ so di m’akyi.”+
20 Na Petro danee ne ho, na ɔhuu osuani a na Yesu dɔ no no+ sɛ ɔdi wɔn akyi. Saa osuani no na na ɔtwere Yesu kokom wɔ anwummerɛ aduane no ase a ɔbisaa sɛ: “Awurade, hwan na ɔreyi wo ama?” no. 21 Berɛ a Petro huu saa osuani no, ɔbisaa Yesu sɛ: “Awurade, ɔbarima yi nso ɛ?” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛno deɛ, wode reha wo ho ayɛ dɛn? Wo deɛ, kɔ so di m’akyi.” 23 Na asɛm yi trɛɛ wɔ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu. Nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu. Mmom ɔkaa sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛno deɛ, wode reha wo ho ayɛ dɛn?”
24 Wei ne osuani+ a ɔdi saa nneɛma yi ho adanseɛ, na ɔno na watwerɛ saa nneɛma yi ho asɛm. Na yɛnim sɛ n’adanseɛ yɛ nokorɛ.
25 Nokwasɛm nie, nneɛma foforɔ pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛeɛ. Sɛ wɔtwerɛɛ ne nyinaa a, mennye nni sɛ anka nwoma mmobɔeɛ a wɔbɛtwerɛ no bɛkɔ wiase mpo.+