Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Sukooko.” Dawid dwom.
69 O Onyankopɔn, gye me, na nsuo reyɛ afa me.*+
2 Matɔ aforɔ* mu, na mennya baabi nnyina.+
Masi nsuo a emu dɔ mu,
Na asubɔnten a ano yɛ den de me rekɔ.+
Mahwɛ me Nyankopɔn kwan ara abrɛ.*+
Wɔn a wɔnya me a wɔbɛyi me afiri hɔ
Ne wɔn a wɔkyiri me kɔkɔkɔkɔ no* adɔɔso.
Adeɛ a menwiaeɛ mpo, wɔayɛ ara agye no me hɔ.
5 O Onyankopɔn, nkwaseasɛm a madi nyinaa wonim,
Na me bɔne nso, w’ani tua.
6 O Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa,
Wɔn a wɔn ani da wo so no, mma me nti wɔn ani nnwu.
O Israel Nyankopɔn,
Wɔn a wɔhwehwɛ wo no, mma me nti wɔn anim nngu ase.
12 Sɛ nkurɔfoɔ tena kuro pono ano a, me ho asɛm ara na wɔka,
Akɔwensafoɔ twa me ho nnwom.
O Onyankopɔn, wo dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ nti,
Fa wo nkwagyeɛ nnwuma a ɛnni hwammɔ no ma me mmuaeɛ.+
14 Yi me firi atɛkyɛ mu;
Mma memmmem.
Gye me firi wɔn a wɔtan me nsam
Ne nsuo a emu dɔ mu.+
16 O Yehowa, gye me so, na wo dɔ a ɛnni hwammɔ no yɛ.+
Madi amia, enti yɛ ntɛm gye me so.+
19 Wonim animtiabuo, aniwuo, ne animguaseɛ a merefa mu.+
W’ani tua m’atamfo nyinaa.
20 Animguaseɛ ama m’akoma abubu, na ayɛ kuro a ɛnni sabea.*
Ná m’ani da so sɛ m’asɛm bɛyɛ obi mmɔbɔ, nanso mannya obiara;+
Mehwehwɛɛ awerɛkyekyefoɔ, nanso mannya bi.+
23 Ma wɔn ani so nyɛ tumm, na wɔanhunu adeɛ,
Na ma wɔn sisi nhodwo daa.
26 Deɛ wobɔɔ no no, ɔno na wɔtaa ne so,
Na wɔn a wopiraa wɔn no yeadie na daa wɔka ho asɛm.
27 Wɔn afɔdie no, fa bi ka ho soa wɔn;
Mma wɔnnya wo tenenee mu kyɛfa.
29 Seesei deɛ, merehunu amane na meredi yea.+
O Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ mmɔ me ho ban.
30 Mede nnwontoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ,
Na mede aseda bɛkamfo no.
32 Ahobrɛasefoɔ bɛhunu, na wɔadi ahurisie.
Mo a mohwehwɛ Onyankopɔn, monhyɛ mo ho den.*