Dwom a Wɔde Foro Bepɔ No. Dawid dwom.
131 O Yehowa, m’akoma mmaa ne ho so,
Na m’ani nso ntraa ne ntɔn;+
Menhwehwɛɛ nneɛma akɛseɛ,+
Na menhwehwɛɛ nneɛma a ɛboro m’ahoɔden so.
2 Mmom madwodwo me kra ama no ayɛ komm+
Te sɛ abɔfra a ɔda ne maame so.
Mewɔ akomatɔyam te sɛ abɔfra.
3 Momma Israel ntwɛn Yehowa+
Mfiri nnɛ nkɔsi daa.