Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
20 Ɛnna Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔbaa Yonatan nkyɛn bɛkaa sɛ: “Ɛdeɛn na mayɛ?+ Me mfomsoɔ ne sɛn, na bɔne bɛn koraa na mayɛ wo papa a enti ɔrehwehwɛ me aku me?”* 2 Na Yonatan nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛmpare wo!+ Worenwu. Hwɛ! Me papa renyɛ biribiara, sɛ́ ɛyɛ ketewa anaa kɛseɛ a ɔrenka ho asɛm nkyerɛ me. Adɛn nti na me papa de asɛm yi bɛsie me? Ɛremma saa da.” 3 Nanso Dawid kaa ntam sɛ: “Wo papa nim sɛ wopɛ m’asɛm,+ enti ɔbɛka sɛ, ‘Mommma Yonatan nnte ho asɛm, anyɛ saa a, ne bo bɛfu.’ Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase yi,* me ne owuo ntam kwan nware koraa!”*+
4 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Deɛ wobɛka* biara, mɛyɛ ama wo.” 5 Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Ɔkyena yɛ bosome foforɔ,+ na ɛsɛ sɛ me ne ɔhene tena ase didi, nanso gya me kwan na memfa me ho nkɔsie wuram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ. 6 Sɛ wo papa hu sɛ menni hɔ a, ka sɛ, ‘Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem,+ ɛfiri sɛ berɛ aso sɛ abusua no nyinaa bɔ afɔreɛ a wɔbɔ no afe biara no.’+ 7 Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛnyɛ hwee’ a, ɛnneɛ na ɛyɛ asomdwoeɛ ma w’akoa. Na sɛ ne bo fu a, ɛnneɛ hu sɛ ɔpɛ sɛ ɔdi me bɔne. 8 Da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ w’akoa,+ ɛfiri sɛ wo ne w’akoa ayɛ Yehowa apam.+ Nanso sɛ mayɛ bɔne a,+ wo ara ku me. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wode me hyɛ wo papa nsa?”
9 Ɛnna Yonatan kaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛnya saa adwene no! Sɛ mehu sɛ me papa pɛ sɛ ɔdi wo bɔne a, enti merenka nkyerɛ wo?”+ 10 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Sɛ wo papa ka asɛmmɔne bi kyerɛ wo a, hwan na ɔbɛbɔ me amanneɛ?” 11 Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo deɛ, bra ma yɛnkɔ wuram.” Enti wɔn mmienu kɔɔ wuram. 12 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa, Israel Nyankopɔn nyɛ danseni sɛ, ɔkyena anaa ɔkyena akyi saa berɛ yi, me ne me papa bɛkasa ahu n’adwene, na sɛ ɔwɔ Dawid ho adwempa a, mɛsoma aba wo nkyɛn abɛyi wo asotire. 13 Nanso mehu sɛ me papa pɛ sɛ ɔdi wo bɔne na manyi wo asotire, na mamma woankɔ asomdwoeɛ mu a, Yehowa ntua Yonatan ka na ɔmfa bi nka ho. Yehowa nni w’akyi+ sɛdeɛ ɔdii me papa akyi no.+ 14 Mete ase yi, kɔ so da Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me, na mewu mpo a, yɛ saa ara.+ 15 Sɛ Yehowa pra Dawid atamfo a wɔwɔ asaase so nyinaa firi hɔ mpo a, nyi wo dɔ a ɛnni hwammɔ no mfiri me fie da.”+ 16 Enti Yonatan ne Dawid fie yɛɛ apam, na ɔkaa sɛ: “Ma Yehowa ntua Dawid atamfo so ka.” 17 Enti Yonatan maa Dawid san kaa ntam de kyerɛɛ ne dɔ, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne ho.*+
18 Afei Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyena yɛ bosome foforɔ,+ w’adwa bɛda hɔ, enti obiara bɛhu sɛ wonni hɔ. 19 Ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ani bɛba wo ho, enti bra faako a nnaano* wode wo ho sieeɛ no, na twɛn wɔ ɛboɔ yi ho. 20 Na mɛto agyan mmiɛnsa afa ɛboɔ no fã baako te sɛ deɛ mede rebɔ biribi. 21 Sɛ mesoma ɔsomfoɔ no a, mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Kɔhwehwɛ agyan no.’ Sɛ meka kyerɛ ɔsomfoɔ no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ ɔfã nohoa nti sesa bra’ a, ɛnneɛ bra, ɛfiri sɛ sɛ́ Yehowa te ase yi, ɛkyerɛ sɛ asomdwoeɛ wɔ hɔ, na bɔne biara rento wo. 22 Nanso sɛ meka kyerɛ abɔfra no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ akyiri nohoa’ a, ɛnneɛ kɔ, ɛfiri sɛ Yehowa pɛ sɛ wokɔ. 23 Na ɛbɔ a me ne wo mmienu nyinaa ahyɛ yi,+ ma Yehowa nyɛ danseni wɔ me ne wo ntam nkɔsi daa.”+
24 Enti Dawid kɔhintaa wuram hɔ. Berɛ a bosome foforɔ duruiɛ no, ɔhene tenaa n’adwa so sɛ ɔrebɛdidi.+ 25 Ɔhene tenaa n’adwa so wɔ ɛdan no ho sɛdeɛ ɔyɛ daa no. Yonatan ne no dii nhwɛanimu, na Abner+ nso tenaa Saul nkyɛn. Dawid deɛ, na n’adwa no da hɔ. 26 Saul anka hwee saa da no; mmom ɔkaa no ne tirim sɛ: ‘Gyama biribi nti ne ho nte.+ Ampa, ɛbɛyɛ sɛ ne ho nte.’ 27 Na da a ɛtɔ so mmienu a ɛyɛ da a ɛdi bosome foforɔ akyi no nso, ná Dawid adwa no da hɔ. Enti Saul bisaa ne ba Yonatan sɛ: “Adɛn nti na nnora ne nnɛ nyinaa Yese+ ba no ammɛdidi?” 28 Ɛnna Yonatan buaa Saul sɛ: “Dawid srɛɛ kwan wɔ me hɔ sɛ ɔrekɔ Betlehem.+ 29 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mesrɛ wo, gya me kwan, ɛfiri sɛ yɛrekɔbɔ abusua afɔreɛ wɔ kuro no mu, na me nua afrɛ me sɛ memmra. Enti sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma memmɔ hwii nkɔ nkɔhwɛ me nuanom no.’ Wei nti na wamma ɔhene pono ho yi.” 30 Saul bo fuu Yonatan paa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo, ɔbaa tuatefoɔ ba. Ɛyɛ wo sɛ mennim sɛ woakɔgyina Yese ba no afã de rehyɛ wo ne wo maame* aniwuo anaa? 31 Berɛ a Yese ba no da so te ase wɔ asaase so yi, wo ne w’ahennie rentim da.+ Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, ɛfiri sɛ ɔfata owuo.”+
32 Ɛnna Yonatan bisaa ne papa Saul sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔwu?+ Ɛdeɛn na wayɛ?” 33 Ɛnna Saul too pea sɛ ɔde rewɔ no,+ na ɛno maa Yonatan huu sɛ ne papa asi ne bo sɛ ɔbɛkum Dawid.+ 34 Ɛhɔ ara na Yonatan de abufuo sɔre firii ɛpono no ho, na wannidi bosome foforɔ no da a ɛtɔ so mmienu no, ɛfiri sɛ Dawid asɛm no yɛɛ no ya,+ na na ne papa agu n’anim ase.
35 Anɔpa no, Yonatan pue kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔhyia Dawid sɛdeɛ wɔhyehyɛeɛ no, na na ɔsomfoɔ kumaa bi ka ne ho.+ 36 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Mesrɛ wo, tu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛto no.” Na ɔsomfoɔ no tuu mmirika, na Yonatan nso too agyan no traa no. 37 Berɛ a ɔsomfoɔ no kɔduruu faako a Yonatan too agyan no kɔeɛ no, Yonatan teaam ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ: “Ɛnyɛ w’anim nohoa na agyan no wɔ?” 38 Yonatan teaam ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ: “Ka wo ho! Ma wo ho nyɛ hare! Yɛ ntɛm sesa bra!” Ɛnna Yonatan somfoɔ no kɔsesaa agyan no, na ɔbaa ne wura nkyɛn. 39 Ɔsomfoɔ no deɛ, na ɔnnim deɛ ɛrekɔ so; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔte deɛ ɛrekɔ so no ase. 40 Ɛno akyi no, Yonatan de n’akodeɛ no maa ne somfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, fa kɔ kuro no mu.”
41 Berɛ a ɔsomfoɔ no kɔeɛ no, Dawid sɔre firii nkyɛn hɔ baabi wɔ anaafoɔ fam baeɛ. Ɛnna ɔde n’anim butuu fam, na ɔbɔɔ ne mu ase mprɛnsa. Obiara fee ne yɔnko ano, na obiara suu ne yɔnko; Dawid na ɔsuu kɛse. 42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ, ɛfiri sɛ yɛn mmienu nyinaa aka ntam+ wɔ Yehowa din mu sɛ, ‘Yehowa nyɛ danseni wɔ me ne wo ne m’asefoɔ* ne w’asefoɔ* ntam nkɔsi daa.’”+
Ɛnna Dawid sɔre siim kɔɔ ne kwan, na Yonatan san kɔɔ kuro no mu.